112
ISTANBUL - 2011

ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

  • Upload
    others

  • View
    23

  • Download
    0

Embed Size (px)

Citation preview

Page 1: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ISTANBUL - 2011

Page 2: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

© Erkam Publications 2011 / 1432 H

Erkam Publicationsİkitelli Organize Sanayi BölgesiTurgut Özal Cd. No: 117 Kat: 2/CBaşakşehir, Istanbul, TurkeyTel: (90-212) 671-0700 pbxFax: (90-212) 671-0717 E-mail: info@islamicpublishing. netWeb site: http://islamicpublishing. net

Akwanya biara nnihɔ de ma obi sɛ ɔbɛfa kwan bi so ayɛ nwo-ma yi foforɔ. Gye sɛ w’asrɛ ho kwan ansa.

ISBN: 978-9944-83-349-3

The author : Dr. Murat KAYATranslator : Jafar ABDUL MUMIN (0265434113)Cover Design : Rasim ŞAKİROĞLU (Wordgraphics)Graphics : Rasim ŞAKİROĞLU (Wordgraphics)

Printed by : Erkam Printhouse

Page 3: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ

ISLAMDr. Murat KAYA

TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Page 4: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN
Page 5: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

�5

EMU NSƐM

NNIANIMU

1. Onipa, Ewiase (Abɔdeɛ), ne Ɔbɔadeɛ 82. Onipa ne ɛsom 11

ƆFA A ƐTƆ SO I

ISLAMSOM FAPEM AHOROƆ NO SU

1. Nea ɛdi mu kɛse ne Onyame baakoyɛ (tawhid)...........................................................15

2. Islam yɛ ɔbɔadeɛ no som, ɛnko ntia adwen ....183. Asɔfoɔ ntwitwagyeɛ nni Islamsom mu (Nyame

ne nipa ntɛm gyinafoɔ) ...................................204. Islam wɔ kyɛfa de ma ewiase ne atemuda asetena

ɛne honhom ne honam afa nyinaa mu ................225. Islam ma nkoranhyɛ wɔ nimdeɛ a, ɛfa ɛsom,

abɔdeɛnhwehwemu ne nyansa ho ...................236. Islam mu, pɛrepɛreyɔ na edikan wɔ suban ne

nnepa nyinaa mu. ...........................................257. Islam yɛ amansan som ....................................278. Nnipa Nyinaa Yɛ Pɛ Wɔ Islamsom Mu ..........309. Islam Bra Ɛsom Mu Nhyɛsoɔ .........................3110. Islam Ayɛ Ɛsom Mu Dwumadie Mmrɛw ........3211. Islam Ma Nkoranhyɛ Ne Anidasoɔ .................3512. Islam Korɔn Kroyɛ Ne Nkabom .....................38

Page 6: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�6

13. Islam Korɔn Onipa .........................................40

ƆFA A ƐTƆ SO II

GYIDIE, ƐSOM NE ASETENA MU NHYEHYEƐ NE MMRA

(Mu’amalat)

A. ISLAM GYIDIE FAPEM

1. Nyame Mu Gyidie (Allah)..............................422. Asoroabɔfo Mu Gyidie ...................................453. Adiyisɛm Nwoma Mu Gyidie ........................454. Akɔmhyɛfoɔ Ne Asomafoɔ Mu Gyidie ..........465. Atemuda Gyidie..............................................466. Nkrabea Mu Gyidie ........................................47

B. ƐSOM AHOROƆ NE ADESUA A, ƐWƆ MU

1. Asɔreyɛ (salaat) ne adesua a, ɛwɔ mu ............502. Akɔmkyene Ne Emu Adesua ..........................533. Ahiafoɔ Toɔ (Zakat) Ne Emu Adesua .............554. Hajjikorɔ Ne Emu Adesua ..............................57

C. NNEƐMA A, ISLAM ABRA NE ƆHAW A, ƐWƆ MU

1. Nsiho...............................................................602. Nsanom ...........................................................62

Page 7: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

EMU NSƐM � ------------------------------------------------------------------------------------------------------------

�7

3. Adwamammɔ ..................................................66

D. ABƆDEƐ BƆBERƐ, AHONIDIE NE NSUO, HO ASƐM WƆ ISLAM MU

1. Abɔdeɛ Bɔberɛ ..................................................692. Ahonidie ............................................................743. Nsuo ..................................................................79

ƆFA A ƐTƆ SO III

KORAN KRONKRON NO

1. Ɛyɛ adiyisɛm a, y’abɔ ho ban ..........................832. Koran no nsɛnkyerɛnee ne ne su ....................84 a. Koran no bɔ yɛn amaneɛ wɔ asumasɛm ho .. 88

ƆFA A ƐTƆ SO IV

MUSTAFA (s) ƆSOMAFOƆ AHUMMƆBORƆNI NO

1. Ne nkwadaa brɛ mu ........................................902. Nkɔmhyɛ brɛ ...................................................923. Madina Asetena ..............................................974. Ne Suban Pa Nhwɛsoɔ No Bi .........................995. Anabi Muhammad (s) Ho Dɔ A, Ɛnni Awieɛ ...1056. Ne Nsɛnkyerɛnee ..........................................107

Page 8: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

�8

NNIANIMU

1. Onipa, Ewiase (Abɔdeɛ), ne Ɔbɔadeɛ

Moma yɛ nyina, na yɛ nwenwene kakra. Yɛ nhwehwɛ bea a, yɛ firi baeɛ ne bea a, yɛrekorɔ. Afei sɛ yɛ hunu a, yɛmɔ yɛn bra sɛnea ɛsɛ na ɛfata. Ansa na yɛbɛyɛ biribi no, ɛwɔ sɛ yɛ dwene yɛn mmɔeɛ ho, ɛyɛ honam afa mu ne honhom afa mu nyinaa. Afei yɛnhwɛ esu ne tumi a, yɛ wɔ. Ne korakora no, yɛn hwɛ ewiase a, yɛte mu no. Sɛ yɛ nya adaagye dwend-wene yeinom nyinaa ho a, ɛno na ɛbɛma mfasoɔ aba yɛn asetena mu.

Yɛn fa asaase nyɛ mfatoho, na yɛnwenwene ho kakra. Yɛnhwɛ sɛ asaase korɔ a, nsu korɔ na ɛtɔ gu so nanso nnuaba sononko-sononko mpempem na ɛfifiri so. Saa nnuaba ahoroɔ yi nyinaa nso so aba sononko-sononko. Emu biara ne ne dɛ, ne ne panpae ne n’ahosuo. Biom, aduaba biara ne kwan a, ɛfa so nyini ne ɛkwan a, ɛfa so bereɛ. Anuanom, enti wei nyɛ nwanwa anaa? Na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnee sɛ asaase korɔ afei nsu korɔ na ɛtɔ gu so nanso nsonsoneɛ da emu biara ntem?

Anuanom, moma yɛ ntwa y’ani nkɔhwɛ ɔsoro anaa ewiem. Yɛn nwenwene ɛneɛma a, y’ani hunu ho kakra. Nea edi kan ne owia. Nkwansini ɔpepe ɔha

Page 9: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

NNIANIMU � ------------------------------------------------------------------------------------------------------------

�9

aduonum (150 million) na ɛda owia ne asaase ntɛm. nsoroma akɛseɛakɛseɛ no, owia ka adantɛm deɛ no ho, nanso asaase maako maako 1, 300, 000 na ɛbɛ tumi akɔ owia so! anwanwasɛm ne sɛ, ɔkwan tenten yi nyinaa akyi no, yɛte ɛhyew, na owia nhyerɛnee duru asaase so nyinaa. Ɔhyew ne nhyerɛnee yɛ mfasoɔ de ma abɔdeɛ nyinaa, nkanka adasama. Owia kɔ so hwie ne hyew ne ne nhyerɛne gu asaase so firi mfie mpempem a, ɛda so gu so yɛ adwuma!

Saa owia yi a, y’ani tua yi, ne nsɛsoɔ maako maako ɔpepe 200 na ɛwɔ hɔ. Nea ɛgu akyire koraa deɛ, yɛ mmɔso, na ɛboro nteaseɛ so.

Onipa biara a, ɔbɛnya adaagye adwendwene saa neɛma weinom ho no, ɔbɛ hunu sɛ ɔnwenefoɔ bi a, ɔwɔ tumi ne nimdeɛ nyinaa, na adi saa nwuma yi nyinaa. Afei nso ɔbɛ hunu sɛ ne (onipa) mmɔeɛ nyɛ kwa na ɛmom botaeɛ bi di akyire. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ ɛsom ahoɔdoɔ nyinaa gye di sɛ, Otumfoɔ bi tease.

Nsɛnkyerenee pii na ɛwɔ hɔ a, ɛda adi kyerɛ sɛ Onyankopɔn bi tease. Saa nsɛnkyerenee yinom a, obiara tumi hunu na edidisoɔ yi:

● Abɔfra mmɔeɛ: deɛ yɛde bɔɔ noɔ, ɔkwan a, ɔfaso nyini, nyansa ne adwene a, ɔnya. Nea Ahobaeɛ atumi adane abɛ yɛ!

● Ayerɛmoo ne agradaa a: ɛde ehu ne anidasoɔ ba. Saa ayerɛmoo yi ne nsuo na ɛnam, na ɛnam nsuo

Page 10: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�10

yi so ama asaase a, awuo no sane nyane ba nkwa mu bio.

● Mframa a, ɛbɔ na ɛde anigyesɛm nam:(osuo bɛtɔ a, ɛde mframa di kan) saa mframa yi na ɛpiapia mununkum (nsumuna) no kɔ mmeamea a, ɛwɔ sɛ nsuo tɔ. Mframa korɔ yi wɔ ne dwuma a, ɛdi fa tareɛ ne ɔpo nyinaa ho. Hyɛma akɛseɛ-akɛseɛ a, ne nsɛsoɔ tesɛ mmepɔ a, nneɛma a, ɛnni ano gu muo no nyinaa no, saa mframa yi na ɛpiapia wɔn de kɔ meamea a, ɛrekorɔ. Hyɛma no bi wɔ hɔ a, ne nsɛsoɔ te sɛ kuro kɛseɛ a wiemhyɛn ɔha tumi gyina gyina so. Sɛ mfra-ma yi nnihɔ a, ne nyinaa ntumi nnante ɛpo so.

● Ɔkwan korɔ a, abɔdeɛ a ɛwɔ soro ne asaase so nyinaa fa so nya wɔn anoduane.

Weinom nyinaa yɛ nsɛnkyerɛnee a, ɛda adi ma obadwenba biara.

Mawlana kaa sɛ: “Me ba, ɛnti ɛne adwene kɔ, sɛ obi bɛdwene sɛ ntwerɛeɛ wɔ hɔ yi, ɛno ara na ɛtwerɛɛ ne ho a, ɛnyɛ obi na ɔtwerɛɛ yɛ?” (Mathnawi, vol. 6,

verse: 368)

“Obi a, wo se Nyame nni hɔ, yi me ano, ɛyɛ nyansa sɛ wo bɛ dwene sɛ ɔdansifoɔ bi na ɔsii ɛdan no, anaa sɛ wo bɛ susu sɛ ɛdan no ankasa na ɛsii ne ho? Biom, sɛ wo hunu mfonin a, ɛyɛ fɛ na ɛyɛ nwanwa a, ɛdeɛn na w’adwene yɛ woɔ, ɛyɛ onifrafoɔ bi na ɔyɛɛ saa mfonin no, anaa ɔnimdefo mapa a,

Page 11: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

NNIANIMU � ------------------------------------------------------------------------------------------------------------

�11

ɔhunu adeɛ na ɔwɔ atenka na ɔyɔe? (mathnawi, vol. 6, verse:369-371).

Nteaseɛ bɛn na ɛwom sɛ obi bɛkasɛ ewiase ne emu neɛma nyinaa firi wɔn ankasa pɛ mu na ɛbaeɛ. Anaa onipa bɛsusu sɛ, ɔbɔadeɛ anaa ɔnwonofoɔ bi-ara nni hɔ a, ɔtaa nneɛma a, yɛhunu nyinaa akyi. Saa nsusuiɛ ne adwendwene yi, ne adwene nkɔ.

2. Onipa ne ɛsom

Ɛsom kyerɛkyerɛ nsɛm ne nea ɛbɛboa onipa firi n’awoɔ de kɔsi ne wuom nyinaa a, Onyankopɔn akyerɛ no. Som de nhyehyeɛ ne mmra to hɔ ma onipa sɛdeɛ ɔbɛtena asaase so a, ɔnha ne yɔnko wɔ kwan biara so. Biom, ɛsom kyerɛkyerɛ asɛdeɛ ne asodie a, ɛda onipa so wɔ saa asetena brɛ tiawa yi mu. Saa nhyehyeɛ yi na ɛde asomdwoeɛ bɛma onipa wɔ ewiase, afei na ɔmfa ne ho nkɔto amaneɛ mu wɔ atemuda.

Nneɛma pii na Onyankopɔn abɔ agu ewi-ase, nanso saa abɔdeɛ yi nyinaa mu no, onipa wɔ gyinabrɛ ne adom akyɛdeɛ sononko sene abɔdeɛ nkaeɛ no nyinaa. Saa adom akyɛdeɛ no mu bi ne, ad-wene, apɛdeɛ, nyansa, nteaseɛ, tumi ne agyapadeɛ. Nokware ne sɛ, saa adom akyɛdeɛ yi a Onyankopɔn de ama onipa no, ne nsɛsoɔ akɔ yɛ sɛ sekan nufanu, anim ne akyire nyinaa tumi twa ma ɛyɛ yie. Aseɛ ne sɛ, onipa bɛtumi de saa adom akyɛdeɛ yi ayɛ papa ne mfasode pii ama asomdwoeɛ, yiedie ne mmra so

Page 12: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�12

die aba. Saa nso na adom akyɛdeɛ korɔ yi ara no, onipa bɛtumi de ayɛ bɔne ne amumuyɔdeɛ pii ama ɔkoo, amaneɛ ne ɔhaw adɔɔso wɔ ewiase. Wei nti no, onipa hia tumi foforɔ a, ɛbɛboa no ama ɔde saa adom akyɛdeɛ yi afa ɔkwan papa so. Saa tumi sononko no ne nokwaresom! Wei nyinaa akyi no, nea ɛwɔ sɛ on-ipa hunu ne sɛ, ɛsom a, ɔresom no mfa mfasoɔ biara mrɛ Nyankopɔn. Na afei nso no, ɔnhia yɛn de ayɛ biribi. Ɛsom ho mfasoɔ nyinaa san ba onipa so. Ɛwɔ sɛ onipa yɛ asotie na ɔdi ɛsom nhyehyeɛ ne ne mmra so, na ɛde yiedie ne prɔmprɔyɛ aba n’asetena mu wɔ ewiase. Na afei nso no ama w’anya asetena pa wɔ daankwaama atemuda.

Nokware nie, akɔmhyɛfoɔ no som a, ɛbaeɛ nyi-naa nkyerɛkyerɛ kyerɛ sɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa sɛ ɔmɛ hunu no, na ɔnsom no.

Wɔnom a wɔbɛbɔɔ ɛsom ho dawuro kyerɛɛ adasama no ne akɔmhyɛfoɔ. Islamsom gye akɔmhyɛfoɔ no nyinaa tom. Na ɛnyɛ ɛno nko, na ɛmom ɛsan nso yɛ no nhyɛ sɛ muslimini bɛgye wɔnom nyinaa adie. Na obi ntumi nyɛ muslimini abrɛ a ɔnye akɔmhyɛfoɔ no nnie. Islamsom gyidie ne sɛ, akɔmhyɛfoɔ no nyinaa firi Nyankopɔn hɔ, na afei nso no, ntotoɛ biara nni wɔntɛm. Ɔkɔmhyɛni biara a ɔbɛba no, ɔdi nea ɔdii no kan no ho adanse pa. Saa nso na ɔhyɛ nkɔm fa nea ɔrebɛba n’akyiri no ho. Wei nti no, obia ɔgye Ɔkɔmhyɛni Muhammed (s) die no, ɛwɔ sɛ ɔgye akɔmhyɛfoɔ nkaeɛ no nso di.

Page 13: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

NNIANIMU � ------------------------------------------------------------------------------------------------------------

�13

Ɛbrɛ a Hatib bin Beltaa (r)de krataa a, Ɔkɔmhyɛni (s) de somaa noɔ no brɛɛ amrado a ɔwɔ Misrim (Muqawqis) no, asɛm a ɔka kyerɛɛ noɔ no nie:

“Yɛ to yɛnsa frɛ wo sɛ bɛyɛ muslimini. Islam ne ɛsom a, Onyankopɔn ayi ama onipa. Ɛnyɛ wo nko na Muhammed Mustafa reto ne nsa frɛ woɔ, na ɛmom adasama nyinaa. Nnipa akuokuo ahoroɔ nyinaa no, akristofoɔ na ɛdɔ muslimifoɔ. Sɛnea Onyankopɔn akoa Moses(s) hyɛɛ nkɔm faa Yesu(s) mmaeɛ ho no, saa ara na Yesu nso hyɛɛ nkɔm faa Muhammed (s) mmaeɛ no ho. Na sɛnea mo frɛ amanfoɔ a, wɔnnom gye apam dada die no sɛ wɔnom mɛgye apam foforɔ no nni no, ɛno na yɛnso yɛreto yɛnsa frɛ mo sɛ mo mɛgye Koran kronkron no ni. Ɛyɛ nhyɛ ma amanfoɔ sɛ wɔnom gye ɔsomafoɔ a, ɔbɛba wɔn brɛ so die. Na saa brɛ yi yɛ Ɔkɔmhyɛni Muhammed brɛ so, ɛno nti ayɛ nhyɛ ama mo sɛ mo gye no die. Na ɛno nkyerɛ sɛ yɛre dane mo afiri mo som no ho.”

Okristoni bi a ɔbɛyɛɛ muslimini a, ne din de professor Timothy Gianotti, n’asɛm a, ɔka faa Is-lam ho a, ɛkyerɛ sɛ Islam yɛ adasama nyinaa som, na ɛdisoɔ yi: “(Islamsom amma wɔ nipakuo bi nti, na ɛmom ɛba maa ewiase nipa nyinaa. Na Islamsom botaeɛ nyinaa ne sɛ ɛbɛ sesa adasama akɔ suban a, ɛsɔ Onyankopɔn ani.” Ɔkaa wei de kyerɛɛ sɛ, w’abɛyɛ muslimini no nkyerɛ sɛ w’apo som dada no na ɛmom ɔhunu no sɛ kristosom botaeɛ nyinaa wɔ

Page 14: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�14

Islamsom mu. Saa owura yi Toronto York university mu na ɔwɔ.

Ɔkɔmhyɛni Muhammed (s) ano asɛm, hadis, kyerɛ sɛ akɔmhyɛfoɔ nyinaa yɛ baako a wɔnom nyi-naa firi Nyankopɔn nkyɛn na ɛbaeɛ. Wei da no adi pefee kyerɛ sɛ nokwaresom nyinaa kura nhyehyeɛ baako. Nkyeremu ne sɛ, nokwaresom nhyehyeɛ hyɛ aseɛ firi ɔkɔmhyɛni a, ɔdikan so kɔsi nea ɔtwatoɔ so, ɛfa gyidie ho ne suban nhyehyeɛ ho. Deɛ ɛsesa kakra ne ɔkwan a yɛfa so som.

Sɛ nokwaresom yɛ koropɛ deɛ a, ɛneɛ yɛnhwɛ adanseɛ kakraa bi a, ɛwɔ saa asɛm yi ho. Ɛfa asɔreyɛ ho no, wo bɛ hunu sɛ ɛsom a ɛfiri Nyankopɔn nkyɛn baeɛ nyinaa wɔ saa ahyɛdeɛ no. Asɔreyɛ (salat) a, ɛwɔ ‘Bible’ twerɛ kronkron no mu:

“Momra ma yɛn som na yɛ mɔ yɛn mu ase; Moma yɛnkɔ yɛn nkotodwe anim wɔ Yahweh, yɛn Nwenefoɔ no anim. ’’ (Psalms, 95:6)

“Na Moses ne Aaron de wɔn anim butubutuu fɔm”. (Numbers, 16:20-22)

“Na ntɛm no ara Moses de na n’anim butuu fɔm na ɔsomm yɛ. ’’ (Exodus, 34:8)

“Na Yesu de n’anim butuu fɔm na ɔsomm bɔɔ mpaeɛ. ’’ (Mathew, 26:39)

“Na ɛmmerɛ a, asuafoɔ no tee wei no, wɔnnom de wɔn anim butubutuu fɔm. ’’ (Mathew, 17:6)

Page 15: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

�15

ƆFA A ƐTƆ SO I

ISLAMSOM FAPEM AHOROƆ NO SU

1. Nea ɛdi mu kɛse ne Onyame baakoyɛ (tawhid)

Ɛsom akɛseɛ no nyinaa kyerɛkyerɛ On-yame baakoyɛ. Biribiara ne No nsɛ. Abraham(s) kyerɛkyerɛɛ Onyame baakoyɛ kyerɛɛ ɔpapa a, ne din de Azer. (S, Mariam, 19:42-47)

Yahudeafoɔ som fapem a, edi mu no yɛ On-yame baakoyɛ ho asɛm. Apam dada no kyerɛ sɛ, ɛyɛ onipa a, ɔdikan, Adam, ne mma, Noah, Abraham, Isaac, Jacop, ne Joseph nyinaa kyerɛkyerɛɛ Onyame baakoyɛ ho asɛm kyerɛɛ wɔn nkorɔfoɔ. Wɔnom yɛɛ wɔn nkorɔfoɔ nkyerɛkyerɛ sɛnea wɔnom bɛsom Onyankopɔn koro no.

Sɛ yɛ kɔ apam dada no mu a, mmra nsɛm du a, Onyankopɔn de maa Moses no, asɛm baako a mmra no si so dua kɛse paa ne Onyame baakoyɛ ho asɛm. (Exodus, 20:2-3; Deuteronomy, 6:4-5)

Saa ara na nwom a, yɛde maa David no nso yɛ som, mpaebɔ ne ayɛyie ho asɛm na esi so dua.

Page 16: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�16

Sɛ yɛba Yesu (s) afa mu nso a, n’asɛm a ɔkaeɛ ne sɛ, mmra nsɛm no mu nea edikan wɔ ɛsom mu ne Onyame baakoyɛ. (Mark, 12:28-29)

Sɛ yɛ kɔ apam dada no mu a yɛ bɛ hunu sɛ, mfatoho dodoɔ nti, Yahudeafoɔ de nipa ho akwaa susuu Nyankopɔn. Na saa ara nso na apam foforɔ no mu no, Yesu (s) ho dɔ mmrosoɔ nti no, akristofoɔ de Yesu akɔ gyina Onyankopɔn gyinabrɛ. Ɛnam so akɔfa nyame baasako aba ɛsom no mu.

Na weinom nyinaa na Islam rekyerɛkyerɛ ada no adi pefee sɛ, saa mmataho no nyinaa yɛ mfomsoɔ ne gyidie wuiɛ. Ɛno nti no, Islam to ne nsa frɛ Yahudeafoɔ ne akristofoɔ nyinaa sɛ wɔnom mra ma yɛmom nsom Onyankoropɔn koro no.

Adwene ne abɔdeɛbɔberɛ nyinaa di adanseɛ pe-fee sɛ Onyame yɛ koropɛ. (Imran, 3:64) Koran kronk-ron no se:

“Onyankopɔn anwo ba, na nyame biara nso nka ne ho, (sɛ anka Onyame foforɔ bi ka ne ho a) anka emu biara bɛ pere afa ne kyɛfa a, w’abɔ wɔ adebɔ mu. Na anka ebi bɛtwi afa ebinom so adi wɔnso. Ahoteɛ ne kronkronyɛ nka nyankopɔn ɛfa nea amanfoɔ susu fa ne ho! (Al-Muminun, 23:91)

“Sɛ anka anyame foforɔ bi ka Onyankopɔn ho wɔ ɔsoro ne asaase so a, anka basabasayɔ asi wɔ ɔsoro ne asaase so nyinaa. Nanso animuonyam

Page 17: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ISLAMSOM FAPEM AHOROƆ NO SU � ----------------------------------

�17

nka Onyankopɔn, ahennwa kɛseɛ wura no: ɔkrɔn sene nea wɔnom de susu noɔ no!” (Al-Anbiya, 21:22)

Sɛ ɛkɔba sɛ anyame foforɔ bi wɔ hɔ a, ɛneɛ na sintɔ bi te sɛ:mmrɛw –yɛ, abɔdeɛ ne nea ɛkeka ho aba nyamebaakoyɛ no ho. Wei nti no, Nyame yɛ koropɛ a, ɛntumi nkɔba sɛ nyame foforɔ bi bɛ wɔ hɔ.

Adanseɛ kɛseɛ baako a, ɛkyerɛ sɛ Onyame yɛ koropɛ no ne sɛ, nsuo tɔ firi soro gu asaase so ma, ntoosi, mako, fifiri, na ɛso aba wɔ asaase so. Na ad-uaba bi te sɛ pɛɛ, siisiaprɛ nso aso wɔ ne nnuaso. Na sɛnea wɔn su, ahyɛnso, ne ne dɛ teɛ no, saa ara na nnuaba koro no te wɔ ewiase afanaa nyinaa! Wei kyerɛ sɛ Onyame baako na ɔbɔɔ ne nyinaa. Ɛmfa ho ne nkwansini dodoɔ a, ɛda wɔntɛm. (Kwadu, mako ne nkateɛ a, ɛwɔ Turkey no, adekorɔ no ara bi na ɛwɔ Ghana). Ɛwɔ sɛ ɛba saa, ɛfiri sɛ, nsa korɔ na ɛbɔɔ ne nyinaa.

Islamsom mu, bɔne kɛseɛ paa ne sɛ obi bɛ po Onyankopɔn, anaa sɛ ɔde obi bɛ bata ne ho, afei ɔde Onyankopɔn dwumadie bɛma abɔdeɛ bi. Ne kora-kora no, sɛ obi de Onyankopɔn su bi bɛma abɔdeɛ bi. Weinom ne abosomsom ne mmataho wɔ Islamsom mu. Onyankopɔn ka no wɔ Koran kronkron no mu sɛ wei ne bɔne kɛseɛ paa. (Lukman, 31:13; Nisa, 4:48)

Otumfoɔ Nyankopɔn se, sɛ ɔpɛ a, ɔde bɔne bi-ara bɛkyɛ na ɛmom, sɛ obi ansakra na owu wɔ abo-somsom mu a, ɔmfa nipa korɔ bɔne nkyɛ no da!

Page 18: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�18

Ɔkwan koropɛ na obi bɛ tumi ayi ne ho afiri abosomsom mu, ɛne sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn koropɛ no!

2. Islam yɛ ɔbɔadeɛ no som, ɛnko ntia adwen.

Islam kasa kyerɛ adasa nyinaa. Islam mmra ne ne nhyehyeɛ nnyɛ brɛ tiaa bi anaa nipakuo bi nti mmra. Saa mmra ne nhyehyeɛ yi nyinaa ne onipa asetena kɔ bɛnkorɔ mu. Ɛnkɔba sɛ saa nhyehyeɛ yi ayɛ dada anaa atwam a, ɛntumi ne onipa asetena nkɔ wɔ brɛ bi mu. Islamsom gyidie nyina ade hunu bi so, na ɛmom gyidie ne nhyehyeɛ biara wɔ Islam mu no, wɔ nyinasoɔ mapa.

Islam nkyerɛkyerɛ ne abɔdeɛmuhwehwɛ nimdeɛ mmɔ abira, ɛkɔ bɛnkorɔ mu.

Sɛ wo yɛ nhwehwɛmu wɔ Islam nhyehyeɛ a ɛfa ɛsom dwumadie ho a, wo bɛ hunu sɛ saa nhyehyeɛ no ne nipa bɔsu kɔ pɛpɛɛpɛ.

Nea ɛma onipa yɛ nipa ne adwene a, Onyankopɔn de dom onipa. Ɛno nso na ɛma onipa yɛ sononko wɔ abɔdeɛ nyinaa mu. Wei no nti no, abrɛ biara Koran twe onipa adwene kɔ nwenwenehoo so. Mmea maa-ko maako 750 na Koran no kasa kyerɛ onipa sɛ ɔnyɛ nhwehwɛmu na ɔnwenwene.

Page 19: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ISLAMSOM FAPEM AHOROƆ NO SU � ----------------------------------

�19

Ɛbrɛ a nnipa a, wɔnom anye Ɔkɔmhyɛni Mu-hammed (s) anni no, kaa sɛ: “Yɔ nsɛnkyerɛnee na yɛ nye Onyankopɔn ni, afei na yɛ nye wo ntom sɛ ɔkɔmhyɛni no,” Onyankopɔn anni anye saa asɛmisa no ho. Ɔkyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnom nyae nsɛnkyerɛnee akyiri die na ɛmom wɔntwa wɔn ani nhwɛ asaase ne ɔsoro na wɔnwenwene ho, na wɔnom nye Onyankopɔn ni.

Ɛsan sɛ Islam mmfa adwene ho asɛm nni agorɔ nti no, w’abra adeɛ biara a, ɛbɛ sɛe adwene no anaa ɛbɛ ma atɔ sini. Saa neɛma no mu bi ne, nsaden, nnubɔnee, nhahama(wee). Islam pɛ no sɛ abrɛbiara adwene no mu dahɔ fann sen sɛ adwene no nyɛ ad-wuma. Ɛfiri sɛ nsabrɔ ne akwadworɔ de ɔsɛeɛ na ɛba onipa asetena mu.

Islamsom yɛ Ɔbɔadeɛ no som nti no, mmra ne ahyɛdeɛ biara a, ɛwɔ mu mmro onipa ahoɔden so, anaa sɛ yɛ bɛ ka sɛ nteaseɛ nni mu. Mfatoho no mu bi na ɛdidisoɔ yi:

● Ɛfa nsukuta ho: Sɛ obi nnya nsuo, anaa ɔwɔ yareɛ bi a, ɛkyiri nsuo a, saa onipa no wɔ ho kwan sɛ ɔbɔ tayamam de yɛ asɔre.

● Salaat: sɛ ɔhaw bi nti, na sɛ obi ntumi nyina ntenten nyɛ asɔre a, Islam ma no ho kwan sɛ ɔna ne nkyeemu nyɛ asɔre no, anaa mpo ɔbɛ tumi de n’ani, ne tiri anaa nsɛnkyerenee biara ayɛ asɔre no.

Page 20: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�20

● Akɔmkyene: Sɛ biribi nti na muslimini antu-mi anyɛ akyiriwia a, ɔtumi yɛ no wɔ brɛ foforɔ mu. Ɔkwan bi so no, ɔtumi yi sika hyɛ akyiriwia no anan mu.

● Ahiafoɔ toɔ(zakat): Ɛsan sɛ ɛnyɛ nipa pɛ na ɔde nya sika nti no, Onyankopɔn ayɛ zakat nhyɛ de ama asikafoɔ ne wɔn a, wɔnsam yɛ.

● Nsɛmpaka adwuma:Ɛnyɛ nhyɛ kyenkyenaa sɛ nyamesɛm kani ma obi bɛyɛ muslimini kwan biara so, ne deɛ ara ne sɛ ɔbɛ yɛ nkyerɛkyerɛ ama onipa korɔ no.

3. Asɔfoɔ ntwitwagyeɛ nni Islamsom mu (Nyame ne nipa ntɛm gyinafoɔ).

Islam nwomanimni bi kaa asɛm bi sɛ; “Ɔkwan a, yɛfa so kɔ Nyankopɔn nkyɛn no dodoɔ te sɛ home a, abɔdeɛ home no daa no.” Nea ɔrepɛ akyerɛ ne sɛ, onipa biara wɔ ho kwan sɛ ɔne Onyankopɔn kasa abrɛ a, ɔmfa obi so.

Obiara tumi bɔ mpaeɛ srɛ Onyankopɔn hɔ adeɛ, ɛne bɔne fakyɛ. Sɛ obi de akoma a, emu teɛ hwehwɛ Onyankopɔn a, ɔbɛ hunu no.

Onyankopɔn kɔ so frɛ ne nkoa sɛ wɔnom nyɛ asɔre na wɔnsrɛ bɔnefakyɛ. W’adano adi pefee sɛ ɔyɛ ahummɔbrɔ wura, ɛno nti sɛ obi srɛ no a, ɔde ne bɔne bɛkyɛ no.

Page 21: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ISLAMSOM FAPEM AHOROƆ NO SU � ----------------------------------

�21

Onyankopɔn nkutoo na ɔyɛ mpaebɔ tiefoɔ ne bɔnefakyɛ wura. Ɛfiri sɛ ɔne Ɔtumfoɔ, tumi nyinaa wura. Abɔdeɛ biara ntumi mfa ne gyinabrɛ. Sɛ obi hunu abɔdeɛ bi sɛ ɔwɔ Onyankopɔn tumi bi a, ɛyɛ abosomsom.

Islamsom mu no, obi nhia ɔtwitwagyefoɔ anaa ntɛm gyinafoɔ wɔ, asɔreyɛ, mpaeɛbɔ anaa awareɛ mu. Muslimini biara wɔ ho kwan sɛ ɔsua ɛsom no nea ɔbɛtumi, ne nea ɔhia. Asɔreyɛ mu no, ɛdɔm no hyia a, wɔnom hwɛ mu yi nea ɔnim nwoma na ɔwɔ suban ne nyamesuro, na ɔde wɔn ayɛ asɔre (imam).

Nwomanimfoɔ gyinabrɛ wɔ Islam mu ara ne sɛ, wɔbɛ yɛ nkyerɛkyerɛ, nsɛmpaka ne akwankyerɛ. Wɔnom nni tumi a, wɔde obi bɔne bɛkyɛ no, anaa sɛ wɔ de tie obi mpaebɔ. Anaa sɛ wɔde obi adesrɛ adeɛ bɛto Onyankopɔn anim ama onipa korɔ.

Abosomsom hyɛɛ aseɛ ɛwɔ ɛbrɛ a, amanfoɔ de nipa anaa adefoforɔ yɛɛ Nyame ne nipa ntɛm gyinafoɔ. Maka abosomsomfoɔ no yii wɔn ho ano sɛ, ɛnyɛ hwee nti na wɔnom resom abosom, na ɛmom sɛ wɔ de wɔnom bɛ bɛn Onyankopɔn nti. (Az-Zumar 39:3)

Ɛkɔɔ anim kakra no, wɔnom hyɛɛ aseɛ de tumi maa saa ntɛm gyinafoɔ no.

Page 22: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�22

4. Islam wɔ kyɛfa de ma ewiase ne atemuda asetena ɛne honhom ne honam afa nyinaa mu.

Islamsom yɛ biribiara ɛhɔ-ne-hɔ, na ɛsusu birib-iara wɔ n’apɔso. Ne saa no nti no, sɛ ɔka biribi ho asɛm a, ɔnka ɛfa nya ɛfa. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn bɔɔ nneɛma nyinaa no, ɛmu biara ho wɔ mfasoɔ de ma onipa. Pɛrepɛreyɔ ne sɛ, wo bɛ hwɛ afanu no nyinaa de emu biara asɛdeɛ ama no.

Saa nkyeremu yi na ɛma yahunu sɛ ewiase yɛ mfasoɔ de ma daankwaama asetena. Ɛwiase yɛ akyɛdeɛ ne adom a, yɛ de hwehwɛ Onyankopɔn anim adom. Daakye asetena ne yɛn botaeɛ ankasa no, ɛnsɛ sɛ onipa ma ne werɛ firi wei.

Wiasefoɔ botaeɛ nyinaa ne ahotɔ ne anigyeɛ a, ɛwɔ ewiase. Saa nso na ɛsom bi nso botaeɛ nyinaa ne daakye asetena, ɛno nti w’apo ewiase. Islam hunu afanu no nyinaa sɛ ɛyɛ mfomsoɔ. Yɛmmfa koro mpo ɔkoro. Wei ne nipa asetena nkɔ pɛ. Sɛnea ewiase hia atemuda no, saa ara nso na atemuda hia ewiase. Yɛnam ewiase so na y’anya asetena pa wɔ atemuda.

Honhom ne honam na ɛka bom yɛ onipa. Ɛwɔ mu sɛ honhom no wɔ gyinabrɛ kɛse sen honam no mom, nanso honam no na ɛkuta anaa ɛso honhom no. Mmienu yi kabom ansa na biribi atumi ayɔ. Ɛno nti ɛnsɛ sɛ obi dwene honhom afa mu nkutoo na ɔpo honam no.

Page 23: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ISLAMSOM FAPEM AHOROƆ NO SU � ----------------------------------

�23

Yɛn Kɔmhyɛni (s) asɛm kyerɛ sɛ, adeɛ a, Onyankopɔn bɛdi kan abusa nipa wɔ owusɔreɛ da no, bi ne sɛ apɔteɛ mu, dwumadie bɛn na, yɛ diiɛ. (Tirmizi, Kiyamah 1/2417)

Islam tu yɛn fo sɛ yɛ nyɛ ɛhɔ-ne-hɔ wɔ biribiara mu. Kɔpem sɛ, salaat, akyiriwia ne zakat ho mpo no, Islam kasa tia sɛ yɛ bɛ di saa nwuma yi mmorosoɔ, ama ɛde ɔhaw ne nnuhu aba yɛn so. (Bukhari, Sawn 55, 56, 57, Tehejjud 7, Anbiya 37, Nika 1, 89)

5. Islam ma nkoranhyɛ wɔ nimdeɛ a, ɛfa ɛsom, abɔdeɛnhwehwemu ne nyansa ho

Islam ahyɛseɛ bɛ pem nnɛ, akyinnyeɛ biara mmaa Islam ne abɔdeɛnhwehwɛmu ntɛm. Na mpo no, ɛhyɛ mmaa ne mmarima sɛ wɔnom nhwehwɛ nimdeɛ akyiri akwan.

Saa ara nso na abɔdeɛnhwehwɛmu mpoo nokware a, Islam de aba, anaa ada no adi. Abɔdeɛnhwehwɛmu kɔ so gye nokware a, Islam da no adi no to mu. Ayɔnkofa a, ɛda Islam ne abɔdeɛnhwehwɛmu nyɛ adeɛ a, ɛyɛ nwanwa pii, ɛfiri sɛ, ɛkoro rehwehwɛ asumasɛm ne nteaseɛ a, ɛwɔ Ɔbɔadeɛ ne abɔdeɛ mu no, na ɔkoro nso yɛ Ɔbɔadeɛ no som a, ɛreda Ɔbɔadeɛ nokware ne n’asumasɛm adi.

Otumfoɔ Nyankopɔn wɔ abodin ahoroɔ pii a, emu baako ne sɛ, ɔyɛ nimdifo a, ɔnim nea ada adi ne

Page 24: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�24

nea asuma nyinaa. Wei kyerɛ sɛ, ɛwɔ sɛ Nyankopɔn nkoa hwehwɛ saa nimdeɛ no bi akyiri kwan. Ɔkɔmhyɛni (s) anoasɛm ne Koran nsɛm dodoɔ no ara na ɛhyɛ amanfoɔ nkoran sɛ wɔnhwehwɛ nimdeɛ akyiri kwan. Onyankopɔn sɛ:

“Ka sɛ: O me wura! Kɔ so ma me nimdeɛ.” (Ta-Ha, 20:14)

“Onyankopɔn bɛma mo mu agyidiefoɔ gyinabrɛ so ɛne mo mu nwomanimfoɔ.” (Mujadila, 58:)

Yɛ Kɔmhyɛni Muhammed (s) kaa sɛ:

“Sɛ obi fa kwan bi so hwehwɛ nimdeɛ a, Onyankopɔn nso de saa onipa no fa akwan a, ɛkɔ ɔsoroaheman no mu baako so. Asoroabɔfo nso ani a, ɛgye saa onipa no ho nti no, wɔde wɔn ntaban kata ne so. Abɔdeɛ nyinaa, mpataa a, wɔnom wɔ nsuo mu srɛ bɔnefakyɛ ma saa onipa no. Nsonsoneɛ a, ɛda nwomanimni ne asomfo nkaeɛ no ntɛm te sɛ ɔsrane a, adi nnadu nnum, ne nsoroma nkaeɛno. Nwomanimfoɔ na ɛdi akɔmhyɛfoɔ adeɛ. Akɔmhyɛfoɔ anya sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, na ɛmom wɔgyaa nimdeɛ. Nea ɔbɛdi saa awunyadeɛ no, nya adepa kɛse.” (Abu

Dawud, Knowledge, 1/3641; Tirmizi Knowledge, 19/2682;

Bukhari, Knowledge, 10; Ibn Maja, Mugadima, 17)

“Nyansa yɛ ogyidini agyapadeɛ a, ayera; bea biara a, ɔbɛ hu no ɛyɛ n’asɛdeɛ kɛse sɛ ɔfa.” (Tirmizi,

Knowledge, 19/2686)

Page 25: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ISLAMSOM FAPEM AHOROƆ NO SU � ----------------------------------

�25

Wei nti no, ama muslimifoɔ fa nimdeɛ mu nhwehwɛmu sɛ ɛsom. Islam abakɔsɛm mu no, nimdeɛ ahoroɔ nyinaa mu bi nni hɔ a, Islam nwomanimfoɔ anni akyire. Wɔnom bɔɔ mmɔden kɛse wɔ nhwehwɛmu ahoroɔ mu. Ɛnam so ama ewi-ase afanaa nyinaa ara redi so mfasoɔ. Saa nimdefoɔ yi mu bi na ɛdidisoɔ yi:

Ahmed en-Nahawandi (800ce)

Ibn-i Sina (980-1037)

Ibn-i Rusd (1126-1198)

Ammar bin Ali (xıth century)

Ibn-i Haithan (alhazen) (965-1051)

Ali bin Abbas (994)

Ebu’l Kasim ez-Zehravi (963-1013)

Ibn al-Nafis (1210)

Akshemseddin (1389-1459)

6. Islam mu, pɛrepɛreyɔ na edikan wɔ suban ne nnepa nyinaa mu.

Pɛrepɛreyɔ a, ɛwie pɛyɔ wɔ Onyankopɔn afa mu. Ɔnnyɛ biribi wɔ asisie kwan so. N’abodin ne ne din pa no mu baako ne atɛnteneene (Adil).

Page 26: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�26

Ne saa no nti no, ɔhwehwɛ atɛnteneene ne pɛrepɛreyɔ firi yɛn hɔ. Ɔka no wɔ Koran no mu sɛ:

“O agyidifoɔ! Mo nyina pintin wɔ nokware ne atɛntenenee mu a, ɛyɛ adanseɛ de ma Nyame. Sɛ mpo ɛtia mo ankasa, anaa mo awofoɔ anaa busuanni.” (An-nisa, 4:135)

Islam hyɛ muslimfoɔ wɔ nokwaredie ne atɛnteneene ɛwɔ wɔn atamfo asɛm mu.

“O agyidiefoɔ! Mo nyina pintin ma Nyame, wɔ nokwaredie mu, na momma ebinom ho tan mmane mo mfiri pɛrepɛreyɔ ne atɛntenenee ho. Mo mu atɛntenenee na ɛno na ɛbɛn nyamesuro…” (Maida 5:8)

Onyankopɔn somafoɔ tuu yɛn fo sɛ, abufuo mu o, abotɔeɛ mu o, yɛ mu atɛntenenee. Ɔhyɛɛ wɔn a, wɔ bɛkuta saa suban pa yi mu bɔ wɔ akatua pii ho.

Nsonsoneɛ kɛseɛ paa da asisie ne nhyɛsoɔfoɔ anaa wɔn a wɔboa saa amanfoɔ no, ɛne wɔn a, wɔbu atɛntenenee ne wɔn a, wɔboa atɛnteneneefoɔ ntɛm.

Asɛm a, Koran no ka nie: “Mo nntane mo ho, mo ho, agye wɔnom a wɔyɛ asisie ne nhyɛsoɔ.” (Al-

Bakara, 2:192)

Muslimifoɔ ne wɔnom a, wɔnyɛ muslimifoɔ bɛtumi atena wɔ asomdwoeɛ mu, deɛ ehia ara ne sɛ saa nipa no ntiatia afoforɔ fawohodie so. Na sɛ mus-limini bi yɛ nhyɛsoɔ na ɔtiatia afoforɔ fawohodie so

Page 27: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ISLAMSOM FAPEM AHOROƆ NO SU � ----------------------------------

�27

a, muslimifoɔ bɛko atia no, ɛmfa ho sɛ ɔyɛ muslim-ini.

Ɛdɔm mu asetena mu no, adeɛ a, Islam ani kum ho, na ɛkyerɛ nsonsoneɛ a ɛda yɛ ne ‘afoforɔ’ ntɛm ne, ‘nsiesie ne pɛrepɛreyɔ’.

7. Islam yɛ amansan som

Islam frɛ nnipa ne mmoatia nyinaa ba Nyame nkyɛn. Obiara wɔ ho kwan sɛ ɔbɛ yɛ muslimini, ɛmfa ho ne bea a, wo firi. Islam gye nnipa nyinaa, sɛ ɔman bɛn na wofiri so, kasa bɛn no wo ka, bibini anaa obu-roni, ɔbaa anaa barima. Nnipa kuo mmienu na Islam gye tom sɛ ɛwɔ hɔ, agyidifoɔ ne wɔn a, wɔnnye nie. Ɛfiri sɛ, Ɔkɔmhyɛni anaa ɔsomafoɔ biara brɛ so no, nnipa kuo mmienu na ɛwɔ hɔ, wɔnnom a, wɔgye no die, ne wɔnnom a, wɔnye no nni. Ɛfiri Ɔkɔmhyɛni Muhammed(s) brɛ so bɛ pem ɛnnɛ, nnipa no nyinaa yɛ ne dɔm.

Otumfoɔ Nyankopɔn adom, n’ahummɔbrɔ ne ne nkwagyeɛ nni hɔ de ma ekuo bi anaa ɔman koropɛ bi.

Sɛ ɛkɔba saa a, na ɛne Onyankopɔn abodin Ahummɔbrɔ ne Adom wura no abɔ abira. Ɔkɔmhyɛni Muhammed(s) se:

“Wɔnom a, wɔ hunu afoforɔ mmɔbɔ no, Onyame nso hunu wɔn mmɔbɔ. Ɛno nti mo nhunu wɔnom a,

Page 28: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�28

ɛwɔ asaase so mmɔbɔ, na Wɔn a, ɛwɔ ɔsoro no nso ahunu mo mmɔbɔ.” (Abu Dawud, Adab 58\4941)

Saa hadis yi nnyina hɔ de ma ɛdɔm kuo bi. Anaa muslimifoɔ nkutoo. Saa hadis yi tu yɛn nyinaa fo sɛ, yɛ nhunu Onyankopɔn abɔdeɛ nyinaa mmɔbɔ, nipa, mmoa ne mfudeɛ. Asɛm a, Onyankopɔn ka kyerɛ Ɔkɔmhyɛni(s) nie:

“(O me somafoɔ!) Ka sɛ: “O adasama! Me yɛ somafoɔ de ma mo nyinaa. Onyankopɔn a, ɔyɛ ɔsoro ne asaase so ahenie wura no somafoɔ.” (Al-A’raf, 7:158)

“(O Muhammed! ) Y’asoma wo sɛ ahummɔbrɔ de ama abɔdeɛ nyinaa.” (Al-Anbiya, 21:107)

Wei nti no, Onyankopɔn Somafoɔ(s) anka-sa ankyerɛ arabiafoɔ nko ara na ɛmom ɔsomaa anamsifoɔ kɔɔ “Byzantines” (Romanfoɔ hene nene dom), Ethiopiafoɔ, Misrifoɔ ɛne ahemfo nkaeɛ a, na wɔnom wɔ ne brɛso nyinaa hɔ.

Ɔsomafoɔ de Onyame asɛm na ɛkɔ maa saa ahemfo yi. (saa nkrataa a, Ɔsomafoɔ(s) de kɔmaa ahemfo yi mu bi da so wɔ hɔ a, ebi wɔ Istanbul Top-kapi ahemfie, (tete nneɛma akorabea)

Biom, Islam wɔ hɔ de ma ɛbrɛ ne bea nyinaa. Is-lam amma wɔ brɛ bi nko ara mu, anaa ɔman koropɛ bi nti. Asɛm yi ho adanseɛ no bi ne sɛ, ɛnnɛ yi, wo hunu muslimifoɔ wɔ ewiase amanaman nyinaa so. Ne titiriw paa ne haji-korɔ brɛ mu. Ewiase nnipa

Page 29: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ISLAMSOM FAPEM AHOROƆ NO SU � ----------------------------------

�29

nyinaa mu bi bɛhyia wɔ kaaba a, ɛwɔ Saudi Arabia, bom som Onyame baako no. Ɛdom a, ne nsɛso bi nni wiase baabiara.

Islam wɔ nhyehyeɛ a, ɛhyɛ nnipa ahiadeɛ nyi-naa ma. Nkyeremu ne sɛ, Islam ka gyidie (ɛsom) ne abrabɔ bɔ mu, a ɛmpo ewiase asetena. Honhom ne honamyiedie nyinaa ho hia Islam. Afei nipa asetena mu nhyehyeɛ. Islam kyerɛkyerɛ nneɛma a, edidisoɔ yi mu pefee ma anii da hɔ: Nkwa ne owuo, bosom, kɔmhyɛni, asoroabɔfo, ɔbonsam, wiase, atemuda, akatua, asotwee, soroaheman ne boronsam gya. Nkyerɛkyerɛmu a, Islam yɛ fa saa nneɛma a, y’abobɔ din yi ho no, ɛsom nkaeɛ biara nni hɔ a, atumi adi saa dwuma yi, a ɛne adwene korɔ anaa ɛtɔ asomu.

Sɛnea asɛm yi mu nteaseɛ ani bɛda hɔ yie no, ɛbɛhia sɛ yɛbɛ bɔ asɛm bi so. Koran mmra ne ne nhyehyeɛ a, muslimifoɔ dɔm kumaa wɔ Islam mfitiaseɛ, no de bɔɔ bra no, saa mmra ne nhyehyeɛ korɔ no ara na wɔde dii dwuma wɔ mmrɛ a, Islam som trɛtrɛ faa ewiase mmeamea pii no. Ahiasɛm bi-ara a, ɛfa wɔn gyidie ho, ɛsom, asetena mu nhyehyeɛ ne abrabɔ mu mmra nyinaa wɔ saa Koran Kronkron no mu. Ankɔ hia sɛ, asɛm bi anaa ɔhaw bi aba a, ɛho ano yie nni Koran no mu a, ɛno nti nwoma foforɔ bi bɛ yi saa ɔhaw no ano.

Page 30: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�30

8. Nnipa Nyinaa Yɛ Pɛ Wɔ Islamsom Mu

Islam mu no, deɛ obi de kyɛn ne yɔnko ne nyamesuro ne tenenee. Obi mfa nipa kuo a, ɔwɔ mu nsene ne yɔnko, bibini anaa oburoni. Saa ara nso na ɔman ne kasa a, obi ka ntumi nyɛ nyinasoɔ sɛ ɔdimu sene ne yɔnko.

Afei, sika, tumi, ahoɔfɛ ne ahoɔden nyɛ nyinasoɔ a, obi de kyɛn ne yɔnko. Weinom nyinaa yɛ adom a, Onyankopɔn de adom ebinom. Ɛho aseda na ɛhia sɛ onipa da Nyame ase na ɛmom ɛnyɛ ahohoahoa ne akɛsesɛm.

Adom ne nhyira a, nnipa no bi nsa aka no nsɛsoɔ te sɛ nsɛmisa wɔ asukuufoɔ nsɔhwɛ mu. Su-kuuni mfa nsɛmisa nhoahoa ne ho, na ɛmom nsɛmisa dodoɔ a, ɔtumi yii ano ne gyinabrɛ a, ɔnyaeɛ na ɔde hoahoa ne ho.

Ogyidini biara mfa ahodeɛ, gyinabrɛ anaa tumi nhoahoa ne ho. Ɛfiri sɛ ɔnim yie sɛ ewiase ahodeɛ nyinaa yɛ nsɔhwɛ. Kwanpa a, ɔfaa soɔ de saa adom akyɛdeɛ yɔɔ adwumapa no, na ɔredwene daakye akatua ho. Ɛyɛ mfomsoɔ paa sɛ obi de ewiase gyinabrɛ a, ɔwɔ bɛ hoahoa ne ho.

Muslimini nwomanimni bi kaa sɛ:

“Adom akyɛdeɛ biara a, amfa onipa ammɛn Onyankopɔn no yɛ ɔhaw kɛse.” (Abu Hazim)

Page 31: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ISLAMSOM FAPEM AHOROƆ NO SU � ----------------------------------

�31

Ɔkɔmhyɛni Muhammed (s) mpo a, Onyankopɔn asoma no ama ewiase sɛ ahummɔbrɔ ne adom, rekyerɛ gyinabrɛ sononko a, Onyame de ama noɔ no, kaa no mprɛ pii sɛ: “َالَفْخَر”: “ɛnyɛ ahohoahoa. (Tirmizi, Menakib 1/3616; Darimi, Mukaddime, 8)

Onyankopɔn anim no, gyidini a, ɔyɛ ahweyie wɔ ɛsom nwumadie ho no, di mu sene nea ɔmfa ho. Ɔkɔmhyɛni(s) nsɛm a, ɔkaa no wɔ nkradie afutusɛm mu no bi na edisoɔ yi: “O amanfoɔ! Mo nyɛ ahwɛyie: mo wura Nyame yɛ koro, mo papa(Adam) yɛ koro. Mo nyɛ ahwɛyie! Arabiani nsene obia ɔnyɛ arabiani. Saa ara nso na obia ɔnyɛ arabiani no nsene arabiani. Onipa tuntum nsene nipa kɔkɔɔ, onipa kɔkɔɔ nso nsene nipa tuntum. Nyamesuro nkutoo ne deɛ obi de sene ne yɔnko.” (Ahmed bin Hanbal, v. 411)

9. Islam Bra Ɛsom Mu Nhyɛsoɔ

Ɛsan sɛ Onyankopɔn abɔ onipa a, ɔwɔ adwene, na w’akyerɛ no nea ɛyɛ ne nea ɛnyɛ no nti no, ɔde wɔn ‘pɛ’ ama wɔn a, ɔnhyɛ wɔnso. Obiara wɔ ho kwan sɛ ɔfiri ne pɛ mu yɛ nea ɔpɛ, na ɛmom nea ɔbɛyɛ biara nso ho akatua deɛ, ɔbɛhyia. Deɛ Koran no ka nie:

“(Me somafoɔ!) Sɛ ɛyɛ wo wura no pɛ a, ɔbɛtumi ama asaase so foɔ nyinaa agye adi (ayɛ agyidifoɔ). Ɛno nti wo bɛhyɛ adasama atia wɔn apɛdeɛ sɛ wɔbɛgye (nokorɛ) adi?” (Yunus, 10:99)

Page 32: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�32

“Nea ɔpɛ no, ɔnye ni, na deɛ ɔmpɛ no nso no, ɔmpo.” (Al-Kahf, 18:29)

“Sɛ mo po (Allah) a, nokware sɛ ɔnhia mo; nanso ɔkyiri sɛ ne nkoa bɛyi no boniayɛ. Sɛ mo yi no ayɛ a, n’ani gye mo ho.” (Az-Zumar, 39:7)

“Nhyɛsoɔ nni ɛsom mu.” (Al-Baqara, 2:256)

Islam nhyɛ obiara mma no mɛyɛ muslimini. Ɛno nti nsɛnkyerɛnee anyɛ ɔkwan a, Islamsom fa so de frɛ nipa ma wɔgye Nyame di. Ɛbrɛ a, Muhammed(s) nkɔmhyɛ adwuma hyɛɛ aseɛ no, anhia sɛ gye sɛ on-ipa hunu nsɛnkyerɛnee ansa na w’agye Onyankopɔn adi. Ɛno nti Islam ne onipa adwene na ɛdi nkutaho na mom ɛnyɛ ɔhyɛ so. Koran nkasano ankasa yɛ nsɛnkyerɛne.

Sɛ yɛ kenkan nhyehyeɛ, mmra ne nkyerɛkyerɛmu a, Koran Kronkron no ada no adi a, na ɛnhia ma onipa sɛ obisa nsɛnkyerɛnee akyiri kwan. Abakɔsɛm kyerɛ mu sɛ, Islam atamfo a wɔyɛ atitiriw ho dwiri wɔn wɔ nhyehyeɛ a, Islam de ato hɔ ama nipa asetena.

10. Islam Ayɛ Ɛsom Mu Dwumadie Mmrɛw

Islam fapem baako ne sɛ, ɛsom mu mwumadie bi tesɛ, asɔreyɛ, akɔmkyene, ‘zakat’, nyinaa no nyɛ den mma onipa sɛ ɔbɛyɛ.

Page 33: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ISLAMSOM FAPEM AHOROƆ NO SU � ----------------------------------

�33

Yɛn Nyankopɔn a, ɔwɔ ɔdɔ ne ahummɔbrɔ de ma ne nkoa no, ayɛ biribiara mmrɛmmrɛ ɛwɔ som mu ama yɛn. Koran asɛm se:

“Ɔkra biara nni hɔ a, Onyankopɔn asoa no adesoa a, ɛbro ne so.” (Al-Baqara, 2:285)

“Allah hwehwɛ nea ɛyɛ mmrɛ ma mo, na ɔmpɛ sɛ ɔde ɔhaw to mo so.” (Al-Baqara, 2:185)

“(Onyankopɔn) ayi mo (wɔ nipa mu) na w’amfa ɔhaw biara anto mo so wɔ ɛsom mu.” (Al-

Hajj, 22:78)

“Allah pɛ no sɛ ɔgo nneɛma mu ma mo: ɛfiri sɛ wɔbɔɔ onipa wɔ mmrɛw yɛ mu.” (An-Nisa, 4:28)

Onyame somafoɔ(s) rekyerɛkyerɛ saa fapem (mmrɛw yɛ) yi mu no, nea ɔkaeɛ ne sɛ:

“Otumfoɔ Nyankopɔn hyɛ n’abɔfo sɛ: “sɛ m’akoa bi susu bɔnee bi a, mma mo ntwerɛ kɔpem sɛ ɔbɛdi saa bɔnee no. Na sɛ ɔyɛ bɔnee no nso a, mo ntwerɛ no baako ntia no. Sɛ me nti, ɔsesa n’adwen na w’anyɛ saa bɔnee no a, mo ntwerɛ ma no sɛ w’ayɛ papa.

Sɛ m’akoa bi susu papayɔ bi a, mo ntwerɛ ma no sɛ w’ayɛ saa papa no. Na sɛ ne nsusuiɛ akyi na ɔkɔ so di saa dwuma die pa no a, mo ntwerɛ ma no mfiri edu kɔpem ahanson.” (Bukhari, Tawhid, 35. MUS-

LIM, Imam, 203-205)

Page 34: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�34

Asuafoɔ no bɔɔ amaneɛ sɛ, na Onyankopɔn somafoɔ yɛ obi a, n’asɛm nyɛ den koraa. Abrɛ biara no, ɔma neɛma yɛ mmrɛ ma nipa. (Muslim, Hajj, 137)

Mo ma yɛn mfa mfatoho a, ɛkyerɛ sɛ Islam yɛ ɛsom a ɛyɛ mmrɛ, no bi mra:

Islam mu no, nea onipa wɔ so tumi na ɔbɛbu √ho atɛn. Onyame mmisa no nea na ɔnni so tumi anaa ɛho ahoɔden.

Akyiwadeɛ bi te sɛ, nsanom, adwaman ne √nsiho a, Islam abra no, anhyɛ aseɛ prɛkopɛ na ɛmom, nkakrankakra kɔpem sɛ, ɔbraa no ko-raa. Ɛhyɛ aseɛ mpɛmpɛnsoɔ mmiɛnsa kɔpem nnan ansa na w’asi no pi sɛ w’abra!

Ansana muslimini bɛyɛ asɔre no, gye sɛ √w’akuta nsuo ansa. Nanso sɛ ɛkɔba sɛ nsuo ho ayɛ na, na ɔnya bi a, anaa sɛ ɔwɔ yareɛ bi a, ɛkyiri nsuo a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔde nɛteɛ bɔ tayamam.

Islam ama ho kwan sɛ, obi a, ɔretu kwan wɔ √ho kwan sɛ ɔtete ne ‘salaat’ so yɛ no mmienu mmienu. Ɛbrɛ ne ahokyerɛ nti, Onyame ago asɔreyɛ no mu ama akwantufoɔ.

Ɛyɛ nhyɛ sɛ muslimini gyina ntentene na ɔyɛ √asɔre. Sɛ ɛkɔba sɛ biribi nti ɔntumi nyina nyɛ asɔre no a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔtena ase anaa ɔda hɔ, anaa mpo ɔde n’ani yɛ nsɛnkyerɛnee na ɔyɛ asɔre no.

Page 35: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ISLAMSOM FAPEM AHOROƆ NO SU � ----------------------------------

�35

Ɛnyɛ masalakyi nko na yɛ yɛ asɔre (salaat) √na ɛmom, baabia ɛhɔ te biara no, yɛtumi yɛ asɔre wɔ hɔ ma no yɛ yie. Onyame somafoɔ(s) no se:

“Onyankopɔn de asaase nyinaa ama me sɛ ɛho te de ma asɔreyɛ Ɛno nti me dɔm mu agyidifoɔ wɔ ho kwan sɛ baabia asɔreyɛ brɛ bɛto wɔn no, wɔtumi yɛ asɔre.” (BUKHARI, tayamamm, I)

Akɔmkyene bɛtumi ayɛ ɔhaw de ama ayarefoɔ √anaa akwantufoɔ. Ɛno nti no, ɛsom no de wɔn apɛdeɛ ama wɔn, sɛ wɔpɛ a, wɔbɛtumi agyae akɔmkyene no na w’ayɛ no brɛ foforɔ mu.

Sɛ ahobanbɔ nni ɛkwan mu ɛfa asomdwoeɛ √ne apɔteɛ ho a, obia ɔrekɔ yɛ hajj wɔ ho kwan sɛ ɔtwentwɛn so kɔpem sɛ ɛkoo anaa yareɛ bɛfiri hɔ.

Awieɛ no, yɛn Kɔmhyɛni(s) se:

“Ayɛyie nyinaa nka Nyankopɔn sɛ w’ayɛ ɛsom mrɛmrɛ ama yɛn.” (Ahmed ıbn Hanbal, VI 167)

11. Islam Ma Nkoranhyɛ Ne Anidasoɔ

Islam hwehwɛ sɛ amanfoɔ bɛnya awerɛhyɛmu. Otumfoɔ Nyankopɔn se:

“M’ahummɔbrɔ trɛtrɛ duru ade nyinaa so.” (Al-A’raf, 7:156)

Page 36: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�36

Anabi Muhammed(s) se:

“Ɛbrɛ a, Onyankopɔn bɔɔ abɔdeɛ no, ɔtwerɛɛ wɔ ne nwoma a, ɛwɔ n’ahenwa no so sɛ: “M’ahummbrɔ di m’abufuo so.” (Bukhari, Tawheed, 15)

Saa gyidie yi ma muslimini anidasoɔ ne awerɛhyemu. Nea ɛka ho bi a, ɛma muslimini awerɛkyekyereɛ ne, bɔnefakyɛ, ahummɔbrɔ, aboterɛ, ahotɔsoɔ ahofama na afei asetena mu anidasoɔ. Nea ɛbɛto no biara no, esusu yɛ no nwanwa ɛsan ne gyi-die a, ɛwɔ Nyame mu. Ɔdwene adwempa fa ne yɔnko ho. Muslimini wɔ gyidie sɛ, ɔhaw ne yareɛ a ɛbɛto noɔ no pepa ne bɔne, na afei nso ɛkorɔn ne gyinabrɛ wɔ honhom mu nti. Wei nom nyinaa boa ma ewiase haw ne abɛbrɛsɛ so te, na ɛma asetena yɛ mmrɛ.

Sɛ muslimini yɛ nea ɛwɔ ne tumi ne n’ahoɔden mu wie a, ɔde nea aka nyinaa hyɛ Nyame nsa, na ɔde ne ho ato ne so. Ɛno nti nea ɛbɛto no biara no ɔnni awerɛhoɔ pii.

Islam mu, bɔnefakyɛ ne nsakra pono abue ama abɔnefoɔ ne boniayɛfoɔ kɔpem sɛ owuo bɛfa wɔn. Sɛ obi sakra anaa ɔbɛyɛ muslimini ansa na owuo ato no a, na ɛyɛ tipa de ma no. Nanso ɛsan sɛ owuo nkra na w’aba nti no, ɛhia paa sɛ onipa yɛ ntɛm sakra dwane toa Nyankopɔn ansa na biribiara aka akyiri. Onyankopɔn se:

“Ka sɛ: O me nkoa a, mo’ayɛ bɔne atia mo kra! momma moabamu mmu wɔ Onyankopɔn

Page 37: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ISLAMSOM FAPEM AHOROƆ NO SU � ----------------------------------

�37

ahummɔbrɔ ho. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔde bɔne nyinaa kyɛ; ɔyɛ Bɔnefakyɛ Wura ne Ahummɔbrɔ. Mo nane mo ho mra mo wura no nkyɛn wɔ nsakra mu. Na mo mfa mo ho ma no wɔ ahobraseɛ mu ansa na dabɔne no aba mo so: sɛ ɛnya ba a, ɔgyeɛ nni hɔ ma mo.” (Az-Zumar, 39:53-54)

Onyankopɔn Somafoɔ(s) no abra sɛ, yɛ de bɔne biara a, ɛbɛto yɛn biara bɛgyina ɛnneɛma bi so; w’ahyɛ yɛn sɛ nea ɛbɛto yɛn biara no, yɛ nsusu papa ma yɛn ho na yɛ nwene adwempa. (Bukhari,

Tip(medicine), 19)

Islam tu yɛn fo sɛ yɛ ntwe yɛn ho mfiri nsusuiɛ bɔne a, yɛsusu ma amanfoɔ. Na yɛnwene adwenpa mfa nipa ho. Koran Kronkron no ka sɛ:

“O agyidifoɔ! Mo ntwe mo ho mfiri nsusuiɛ (bɔne) pii ho: ɛfiri sɛ, nsusuiɛ pii no ara yɛ bɔne. Ma mmo ntetɛtetɛ mo ho.” (Hujurat, 49:12)

Nea ɛka ho bio ne sɛ, ɛyɛ pɔ da muslimifoɔ tirim sɛ, ɛsɛ sɛ wɔnya aboterɛ ne ntoboaseɛ ma abɔdeɛ, Nyame nti.

Ɛsan Nyame ho dɔ nti no, wɔnom wɔ ahummɔbrɔ de ma abɔdeɛ biara. Wɔnom hunu no sɛ, biribiara yɛ ahwɛsodeɛ ma wɔn a, Onyankopɔn bɛ bisa wɔn ho asɛm. Na wɔnom pene nea ɛfiri Nyame hɔ reba biara.

Page 38: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�38

12. Islam Korɔn Kroyɛ Ne Nkabom

Nyankopɔn adebɔ mu no, nnipa nyinaa yɛ ni-waama. Nipa hia nipa. Obiara nni hɔ a, ne ho so no akwankorɔ. Ne tiawa mu, Onyankopɔn bɔɔ yɛn sɛ yɛ mom ntena. Onipa yɛ mmrɛ, ɔntumi nyɛ biribiara gyesɛ ɔnya aboafoɔ. Onyankopɔn pɛ no sɛ yɛ bom som noɔ, yɛ bom yɛ mpontunwuma ne nea ɛkeka ho.

Ɔkɔmhyɛni (s) se:

“Onyankopɔn nsa (mmoa) wɔ ɛdɔm so. Obia ɔte ne ho firi dɔm ho no kɔwie wɔ boromsam-gyam.” (Tirmizi, Fiten, 7/2167)

“Ɛdɔm yɛ ahummɔbrɔ, mpaepaemu yɛ musuo ne ɔhaw.” (Ahmed ıbn Hanbal, IV, 278)

Nhyehyeɛ ne ahyɛdeɛ a ɛwɔ Islam mu boa ma asetena pa ne nkabom. Saa nhyehyeɛ no bi na ɛdidisoɔ yi: ɛdɔm mu asɔreyɛ, fiada nyamefrɛ, akyiri-wia ne dwanini afahyɛ, haji korɔ, zakat tua, afɔrebɔ, ayeforɔ, ayarefoɔ nsra ne nea ɛkeka ho.

Ɛwɔ mu sɛ, nipa dɔm mu asetena deɛ, ɛnyɛ dɛn ara a, ɔhaw mpa da. Saa ɔhaw ne akasa akasa yi, ano aduro yɛ aboterɛ ne boasetɔ. Islam hyɛ wɔn a, wɔtena dɔm mu na wɔfa asodie no bɔ, wɔ akatua kɛseɛ ho.

Yɛn Kɔmhyɛni(s) ne nipa ahoroɔ nyinaa bi dii nsawɔsoɔ wɔ ahummɔbrɔ ne ɔdɔ mu. Saa nipa yi mu bi taa sɛe n’akoma, yi suban a ɛnyɛ anibie kyerɛ

Page 39: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ISLAMSOM FAPEM AHOROƆ NO SU � ----------------------------------

�39

no, nanso w’ansɛe obiara akoma da. Abas(r) a, ɔyɛ Anabi(s) ne wɔfa dii yaw wɔ Anabi(s) haw a, na ɔkɔ mu no ho, ɛfa dɔm dodoɔ nti. Ɔkaa sɛ:

“Onyame Somafoɔ(s)! Me tumi hunu sɛ, nipa no pii na ɛhaw. Afei nso wɔnom tu mfuturo pii de ha wo, me susu sɛ anka ma yɛ nsi ntomadan ma wo na hyia amanfoɔ wɔ hɔ”

Anoyie a, Ɔkɔmhyɛni(s) de maa no nie:

“Dabida! Kɔpem sɛ Onyankopɔn bɛto ne nsa afrɛ me no, mɛkɔ so atena wɔn tɛm. Ɛmfa ho ne sɛ wɔtiatia me nanso, twetwe m’ataadeɛ na wɔtu mfu-turo gu me so.” (Darimi Muqaddimah, 14)

Ɔkɔmhyɛni(s) tuu ne dɔm fo sɛ:

“Muslimini a, ɔtena dɔm mu na ɔsi aboterɛ wɔ wɔn haw ho no di mu sene nea ɔtwe ne ho firi dɔm mu ɛsan wɔnom haw nti.” (Tirmizi, Kiyamah, 55/2507)

Ɛdɔm asetena nti no, Islam hyɛ ne dɔm sɛ, yɛ nyɛ adwuma na yɛn asetena nkɔ yie. Yɛ nware na yɛ nwo nkwadaa. Afei yɛ moa ahiafoɔ. Yɛ mfa ewiase nhwehwɛ atemuda asetenapa. Yɛ nna nokware adi nkyerɛ amanfoɔ. Yɛ ntu wɔn fo na wɔntwe wɔn ho mfiri bɔnee ho. Yɛ mɔ agyapadeɛ ho ban, nkwa ho ban, amanfoɔ animuonyam ho ban. Afei yɛ nnɔ yɛ man.

“Nea ɔbɛyɛ papa no, bɛhunu so akatua, na nea ɔbɛyɛ bɔnee nso no bɛhunu so akatua. Sɛ papa no

Page 40: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�40

ne bɔnee no sua koraa mpo a.” (Zilzila, 99:7-8; Anam, 6:104)

Islam ma onipa bɔ bra a, ani da hɔ, na afei ahwɛhyie paa ara nso wɔ mu.

13. Islam Korɔn Onipa

Abɔdeɛ nyinaa mu no, Islam de gyinabrɛ ne an-imuonyam sononko ma onipa. Koran kasa sɛ:

“Nokware y’abɔ onipa mmɔeɛ a, ɛsɔ ani na ɛdi mu.” (At-Tin, 95:4)

“Y’ahyɛ Adam mma animuonyam. Y’ama wɔn (deɛ) ɛde wɔn nam asaase so ne nsuo so: ɛna wɔn ahiadeɛ nso, y’ama wɔn nnepa ne nea ɛho te. Afei y’ayɛ wɔn adom sononko asene Y’abɔdeɛ nkaeɛ pii no ara.” (Al-Isra, 17:70)

Ɛbrɛ bi a, yɛde onipa amu (efunu) retwam wɔ Ɔsomafoɔ(s) anim no, ɔmaa ne mu so gyinaa ntenten. (Asuafoɔ) no bɔɔ no amaneɛ sɛ, owufoɔ no yɛ Yahu-dia ni. Ɔno nso yii ano sɛ: “Na ɔnyɛ nipa anaa?” (Bukhari, Janaiz, 50; Muslim, Janaiz, 81)

Sɛnea yɛ hunu no, yɛn dɔfo ne yɛn Kɔmhyɛni(s) asɔre agyina hɔ de anidie rema abɔdeɛ a, (onipa) Onyankopɔn nyaa ntoboaseɛ nwenee noɔ. Ɔrema ewiase ahunu anidie ne obuo sononko a, nipa wɔ, sɛ ɔteaseɛ anaa ɔyɛ ɔwufoɔ.

Page 41: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ISLAMSOM FAPEM AHOROƆ NO SU � ----------------------------------

�41

Ya’la bin Murra(r) kaa sɛ:

“Me ne Onyankopɔn somafoɔ akɔ ɛkoo pii. Ɛfunu biara a, n’ani bɛtwa so no, ɔhyɛ sɛ wɔnsie saa amu no. Ɔmmisa sɛ saa amu no yɛ muslimini anaa ɔnyɛ muslimini.” (Hakim, I, 526/1374)

Yɛnhwɛ sɛnea onipa nkwa ne ne kra ho hia. Anidie sononko a, Ɔsomafoɔ(s) de ma onipa! Koran Kronkron no ahyɛ sɛ:

“Sɛ obi kum onipa koro a, ɛte sɛ w’akum nnipa nyinaa. Agye sɛ akɔba sɛ onipa korɔ no de bɔnefosɛm ne basabasayɔ reba ɔman no mu. Na obi nso gye onipa baako nkwa a, ɛte sɛ w’agye nnipa nyinaa nkwa.” (Ma’ida, 5:32)

Wei nti no, ɛyɛ akyiwadeɛ kɛse paa sɛ obi bɛdi neho awu, anaa ɔbɛkum ne yɔnko. Awudifoɔ wɔ asotweɛ a, ɛso paa ara da wɔn anim.

Islam hunu onipa sɛ ɔyɛ abɔdeɛ a, ɔwɔ asɛdeɛ ne animuonyam a, ɛfata noɔ. Islam nwomanimfoɔ nam ɔkwan biara so bɔ onipa faahodie ne n’asɛdeɛ ho ban a, wɔnom nyɛ mpaepaemu biara. Ɛmfa ho ne ɛsom a, nipa korɔ no wɔ mu, ɔman korɔ, kasakuo a, ɔfiri mu. Anaa sɛ ɔyɛ ɔbaa anaa ɔbarima.

Page 42: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

�42

ƆFA A ƐTƆ SO II

GYIDIE, ƐSOM NE ASETENA MU NHYEHYEƐ NE MMRA

(Mu’amalat)

A. ISLAM GYIDIE FAPEM

Islamsom mu no, gyidie ahoroɔ nyinaa gyina adiyie so, ɛnyɛ onipa adwene anaa onipa nteaseɛ so. Gyidie koro biara wɔ nyinasoɔ ne nkyeremu wɔ Ko-ran Kronkron no mu. Saa ara nso na hadis ahoroɔ no akasa afa saa gyidie ahoroɔ no ho. Yɛbɛ tumi abɔ saa gyidie ahoroɔ yi tɔfa wɔ saa kwan yi so:

1. Nyame Mu Gyidie (Allah)

Onyankopɔn tease, ɔyɛ koropɛ ɔnni nsɛsoɔ wɔ n’abɔdeɛ mu. Ɛnna abɔdeɛ biara nso nsɛ no. Ɔnnane obiara anaa abɔdeɛ bi. Ɔno ankasa de ne ho tease.

Ɔboro so sɛ yɛ wo no, anaa ɔwo obi. Ɔboro so √sɛ ɔyɛ obi papa anaa obi ba. Bea bi ntumi nye no, na saa ara na ɛbrɛ ntumi no. Ɔnim biribi-ara, ɔte biribiara na ɔhunu biribiara.

Page 43: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ƐSOM NHYEHYEƐ � ---------------------------------------------------------------------------------------

�43

Ɔnim adeɛ biara a, ɛkɔ asaase no mu, ɛne adeɛ √biara a, ɛfiri mu ba; nea ɛfiri soro ba ne nea ɛforo kɔ soro nyinaa. Ɔne Ahummɔbrɔ mu adom wura. Ɔyɛ bɔnefakyɛ Wura. Boniayɛfoɔ no se, “atemuda biara nni hɔ”: ka sɛ, “dabida! Nokorɛ sɛ – me dɔ me Nyame – sɛ ɛbaba mo so; (Onyankopɔn) a, ɔnim nea ɛwɔ nsumayɛ mu a, biribiara nsuma no, wɔ ɔsoro anaa asaase so, ade ketekete a, aniwa nhunu anaa deɛ ɛsoa sene saa, nsuma no. Ne nyinaa wɔ nwoma mu. Na ɔnam so bɛtua wɔn a, w’agye adie na wɔdi tenenee nwuma so ka. Wɔn akatua ne bɔnefakyɛ ne nnepa. (Saba, 34:2-4)

“Onyankopɔn nim adeɛ biara a, ɛwɔ awodeɛ √mu. Nna dodoɔ a, ɛsoteɛ, anaa nna dodoɔ a, ɛboro so. Ade koro biara da n’anim wɔ nhyehyeɛ mu. Sɛ mo mu bi da wɔn nsɛm adi a, ɔnim, saa ara nso na sɛ mo de suma a, ɔnim. Sɛ esum kabii na obi asuma anaa adekyeɛ mu na ɔnam a, ne nyinaa ɔnim. Sɛ wo ka wo nsɛm ma no pue a, ɛmfa ho: ɛfiri sɛ ɔnim asumasɛm ne nea ahinta nyinaa ara.” (Ar-Ra’d, 13:8-10; Ta-

Ha, 20:7; Al-Qasas, 28:69; Sajda, 32:6; Hud, 11:5)

Onyankopɔn nimdeɛ nyinaa akyi no, ɔsan nso wɔ tumi a, ɛnni awieɛ. Anka ɛnte saa a, anka ɛnyɛ ɛne neɛma akɛseɛ-akɛseɛ a, ɛyɛ nwanwa mmorosoɔ atwa yɛn ho ahyia a, yɛ hunu yi. Afei nso no, sɛ anka ɛnyɛ saa tumi yi a, ɛbɛ yɛ dɛn na abɔdeɛ yi nyinaa

Page 44: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�44

anya wɔn ahiadeɛ atena hɔ bɛpem mmrɛ tenten? Sei na Otumfoɔ Nyankopɔn da ne ho adi kyerɛ yɛn:

“Ɔno na ɔsoro ne asaase mmɔeɛ mfitiaseɛ firi √no: sɛ ɔsusu biribi a, deɛ ɔka ne sɛ: “Ɛnyɛ hɔ, na ayɛ.” (Baqara, 2:117)

“Na mo mmɔeɛ anaa mo wusɔreɛ nyinaa te sɛ √ɔkra koropɛ, Onyankopɔn na ɔteɛ na ɔhunu ade nyinaa.” (Luqman, 31:28)

“Na atemuda no bɛba te sɛ anibɔ-prɛ, anaa √ɛbɛyɛ ntɛm asene saa. Ɛfiri sɛ Ɔwɔ ade nyinaa so tumi.” (An-Nahl, 16:77)

Otumfoɔ Nyankopɔn wɔ nkwa ne ɔpɛ a, ɛnni awieɛ. Nea ɔpɛ na ɔyɛ. Ɔkasa nanso ɔnhia ɛnee anaa biribia, ɔbɛ keka abom ansa na ayɛ kasa. Ɔde ne nwoma nam asomafoɔ so de ma adasama.

Otumfoɔ Nyankopɔn ne Ɔbɔadeɛ a, ɔnni hokafoɔ. Ɔne nea w’abɔ abɔdeɛ, na ɔyɛ abɔdeɛ so hwɛsofoɔ, na Ɔma wɔnom tena nkwa mu. Ɔno nso na ɔkum wɔn. Na ɔno korɔ no nso na ɔbɛ sane an-yane wɔn afiri awufoɔ mu bio. Ɔhyehyɛ asetenapa de ma ne nkoa ateneneefoɔ, na ɔhyehyɛ asotweɛ de twɛn abɔnefoɔ. Ɔno Nyankopɔn na ɔwɔ din pa ne abodin ahoroɔ a, sintɔ biara nni mu.

Page 45: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ƐSOM NHYEHYEƐ � ---------------------------------------------------------------------------------------

�45

2. Asoroabɔfo Mu Gyidie

Asoroabɔfo yɛ abɔdeɛ bi a, wɔn ho yɛ fɛ. Onyankopɔn de nhyerɛnee na ɛbɔɔ wɔn, ansa na ɔrebɔ onipa. Asoroabɔfo nyɛ mmaa anaa mmari-ma. Wɔnom yɛ asotie ma Nyankopɔn abrɛbiara a, asoɔden nni wɔn afa. Onyame kasa kyerɛ wɔn ma wɔnom nso yɛ nea ɔhyɛ wɔn pɛpɛɛpɛ.

Asoroabɔfo nni apɛdeɛ ne ahiadeɛ te sɛ, adi-die, ɔnom, nna, ɔbrɛ anaa aniha. Honam akɔnnɔ nni wɔn mu, ɛno nti wɔnyɛ bɔne ne mfomsoɔ. Wɔn ho yɛ hare na wɔnom wɔ ahoɔden sononko. Onyame tumi mu, wɔ tumi dane abɔdeɛ biara. Wɔnom nnim nsumayɛmu asɛm gye nea Onyankopɔn ayi akyerɛ wɔn. Wɔnom nimdeɛ nyinaa kɔpem deɛ Onyankopɔn akyerɛ wɔn. (Baqara 2:30-34)

JINNI

Jinnifoɔ anaa mmoatia yɛ abɔdeɛ bi a, yɛmfa y’ani kann nhunu wɔn. Wɔnom te sɛ nipa ara, wɔnom wɔ adwene ne ɔpɛ. Ɛyɛ nhyɛ ma wɔn sɛ wɔdi Onyankopɔn mmra so. Jinnifoɔ gu ahoroɔ mmienu, agyidiefoɔ ne aboniayɛfoɔ. Wɔn mu baako ne ɔbonsam.

3. Adiyisɛm Nwoma Mu Gyidie

Otumfoɔ Nyankopɔn nam adiyisɛm so kasa kyerɛ asomafoɔ. Na ɔma wɔn nwoma a, ɛkasa fa

Page 46: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�46

mmra ahodoɔ wɔ gyidie ho, ɛsom, suban ne deɛ ɛfa wiase asetena ho. Yɛ wɔ nwoma a, Onyame de maa Abraham(s), Al-Suhuf. Moses(s) nso deɛ ne Torah (apam dada), Nwom, Apam foforɔ ne Koran nyinaa yɛ adiyisɛm. (Baqara 2:85)

4. Akɔmhyɛfoɔ Ne Asomafoɔ Mu Gyidie

Ɔkɔmhyɛni a, ɔdikan ne Adam(s), ɛna nea ɔtwatoɔ nso ne Ɔkɔmhyɛni Muhammad(s). Wɔnom mmienu ntɛm no, akɔmhyɛfoɔ pii na ɛbaeɛ. Ebinom wɔ hɔ a, y’ate wɔn ho asɛm, ebinom nso deɛ, yɛ nnim biribiara fa wɔn ho.

Islam gyidie mu no, yɛ nyɛ mpaepaemu wɔ akɔmhyɛfoɔ no ntɛm. Yɛ gye wɔnom nyi-naa di. Akɔmhyɛfoɔ yɛ nokwafoɔ, anyansafoɔ ne abadwenmafoɔ. Wɔnom de nokwaredie na ɛbɔɔ som ho dawuro. Otumfoɔ Nyankopɔn bɔɔ wɔnho ban firii bɔne ho. Ɛno akyi no, wɔmaa wɔn nsɛnkyerɛnee a, ɛdi wɔn ho adanseɛ.

5. Atemuda Gyidie

Ɛda a, ɛtwatoɔ no bɛba a, akyinnyeɛ biara nni ho. Ɛno ne ewiase awieɛ, ɛna ɛno nso ne daakye asetena (atemuda) mfitiaseɛ. Nnipa (awufoɔ) bɛsɔre afiri awufoɔ mu akɔgye wɔn akatua, sɛ ɛyɛ papa

Page 47: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ƐSOM NHYEHYEƐ � ---------------------------------------------------------------------------------------

�47

anaa bɔne a, obiara yɛeɛ. Ɛno na agyidifoɔ bɛkɔ ɔsoroaheman mu, na abɔnefoɔ nso akɔ amanehunu gyam. Yɛ srɛ Onyankopɔn sɛ ɔntwitwa nye yɛn.

Agyidiefoɔ a, wɔnom yɛɛ bɔne no bɛ nya asot-wee a, ɛfata wɔn bɔne ansa na w’akɔ ɔsoroaheman mu. Ɛbɛtumi aba sɛ Onyankopɔn de wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn a, ɔntwe wɔn aso.

6. Nkrabea Mu Gyidie

Onyankopɔn nim nea ne nkoa yɛ biara. Na nea ɛfa n’abɔdeɛ nkaeɛ ho biara nso no ɔnim. Nea atwam anaa nea ɛrebɛba. Ɔnim biribiara ansa na asi. Sɛnea ebinom nteaseɛ yɛ wɔn sɛ, onipa nni ɔpɛ, na deɛ ɔbɛyɛ biara no, y’ahyehyɛ dada. Saa asɛm yi nyɛ nokware. Ɛnyɛ Onyankopɔn na w’ahyehyɛ abɔdeɛ nwumadie ama wɔn. Nteaseɛ a, ɛwɔ mu ne sɛ, ɔno Nyankopɔn nim nea ɛbɛsi ne nea abɔdeɛ no bɛyɛ ansa na saa dwumadie no aba so. Sɛ ɛkɔba sɛ Onyankopɔn a, w’abɔ ade nyinaa no nnim neɛ ɛbɛsi wɔ wɔn asetena mu a, ɛneɛ na anka sintɔ wɔ ne nimdeɛ mu.

Adasama wɔ ɔpɛ ne fawohodie a, nea wɔnom pɛ na wɔyɛ a, ɔhyɛ biara nni wɔn so. Ɛsan sɛ Nyankopɔn nim nea ɛbɛsie nti no, w’atwerɛ nea ɛbɛsi nyinaa.

Abɔdeɛmu-hwehwɛfoɔ tumi ka sɛ owia bɛkɔ esum mu ɛda sei ne ɛbrɛ sei, na ayɛ hɔ saa ara pɛ. Ɛno nkyerɛ sɛ wɔnom na ahyɛ owia no. Saa ara na

Page 48: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�48

Onyame a, ne nimdeɛ nni awieɛ no nim nea ɛbɛsi nyinaa na w’atwerɛ, na ɛbrɛ no so a, w’ama kwan ama ayɛ hɔ, anaa ɔpɛ a, ɔbɛ si ho kwan.

Onipa pɛ faahodie, Nyame nso de ne pɛ ama no. Ɛwɔ mu sɛ Nyame ma ho kwan ma onipa yɛ nea ɔpɛ, nanso n’ani gye nwumapa ne tenenee ho ɛna ɔtan nwuma bɔne ne bɔne.

B. ƐSOM AHOROƆ NE ADESUA A, ƐWƆ MU

Ɛbɛ pem saa brɛ yi, y’akyerɛ-kyerɛ Onyankopɔn te a, ɔteaseɛ ne n’abodin ahoroɔ mu. Ɔkwan a, w’afa so abɔ onipa ama no gyinabrɛ sononko wɔ abɔdeɛ nyinaa mu. Nea ɛbɛ hia onipa, nea ɛbɛ ma no ahotɔ ne anigyeɛ nyinaa no Onyankopɔn ayɛ ama no. Ɛnti obi bɛ susu sɛ, saa adom bebrebe yi nyinaa akyi no, Ɔbɔadeɛ biara nni hɔ? Ɛbɛyɛ dɛn na onipa ne aboa ayɛ pɛ. Ɛnti onipa baa wiase sɛ adidie, ɔnom awareɛ ne awoɔ nko ara nti? Yɛ di saa dwumadie yia, na y’awuwu na asa, wei ne adwene kɔ anaa? Dabida! Botaeɛ bi wɔ hɔ nti na Onyankopɔn bɔɔ yɛn. Ɔka no wɔ Koran kronkron no mu sɛ: “Ɛnyɛ hwee nti na Me bɔɔ jinni ne nnipa, na ɛmom sɛ wɔbɛ som me nti.” (Adh-Dhriyat 51:56)

“Na som wo wura no kɔsi sɛ nokware kann no bɛ ba wo so (owuo).” (Al-Hijr 15:99)

Page 49: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ƐSOM NHYEHYEƐ � ---------------------------------------------------------------------------------------

�49

Ɛsom kyerɛ sɛ, onipa bɛhyɛ ne dwumadie ma, a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ somfo, ɔsetie ne ahofama. Sɛ yɛkyerɛ mu akɔ akyiri a, deɛ yɛbɛka ne sɛ ɛsom kyerɛ adasa-ma nwumadie, wɔnom nsɛm, adwene ne atenka nyi-naa bɛyɛ sɛ Onyame nti. Anaa sɛ wɔn asetena nyinaa bɛyɛ deɛ Onyankopɔn ani gye ho.

Ɛsom yɛ ayɛyie ne naaseɛ a, onipa de ma ne wura Nyame ɛfa adom akyɛdeɛ ahoroɔ a, ɔde ama noɔ ho.

Nokware nie, ɛsom nyinaa a, onipa resom yɛ ɔno ankasa mfasoɔ. Ɛfiri sɛ, ɛsom yi onipa firi ewi-ase nkekaawa ne emu nkoasom mu. Ɛsom ma onipa gyinabrɛ so sene sɛbe mmoa gyinabrɛ so.

Weinom nyinaa akyiri no, ɛsom nyɛ mfasoɔ de ma honhom nko, ɛsan nso wɔ mfasoɔ de ma apɔteɛ. Wei na ɛrekyerɛ sɛ, Islamsom wie pɛyɔ wɔ onipa asetena mu dwumadie biara ho. Ɛwɔ mu sɛ ɛsom wɔ daakye ɔsoro akatua deɛ, nanso ɛsan nso wɔ mfasoɔ pii wɔ ewiase asetena mu. Saa mfasoɔ yi mu bi wɔ hɔ a, nipa te aseɛ, nanso dodoɔ no ara na nipa ntu-mi nhunnuiɛ. Ɛnyɛ ewiase mfasoɔ nti na yɛresom Onyankopɔn, na ɛmom yɛsom sɛ Onyame nkoa a, ɛsom yɛ nhyɛ wɔ yɛn so.

Nkoranhyɛ nti no, yɛbɛka ewiase mfasoɔ a, ɛwɔ ɛsom mu no bi kakra.

Page 50: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�50

1. Asɔreyɛ (salaat) ne adesua a, ɛwɔ mu

Asɔreyɛ (salaat) hyɛ aseɛ wɔ brɛ a, yɛbɛ kasɛ Allaahu akbar (takbeer). Aseɛ ne “Onyame yɛ kɛse.” Ɛna salaam anaa nkyea, yɛ n’awieɛ. Nneɛe ne nsɛm a, yɛka:

Ansa na nnipa bɛyɛ asɔre, anaa ɔbɛ kenkan Koran, ne Kaaba ho asɔreyɔ no, Onyankopɔn ahyɛ sɛ wɔnkuta nsuo. Afei wɔnte wɔn ntaadeɛ ne bea a, wɔbɛgyina ayɛ asɔre no. Sɛ yɛhwɛ nsukuta ne ad-ware kronkron ho asɛm a, yɛtumi hunu ahonidie ho hia a, ehia Islam. Honhom mu ahoteɛ akyiri no, Islam hyɛ onipa, sɛdeɛ ɔbɛdi ne ho ni. Ɛno nti no Islamsom nwoma akɛseɛ akɛseɛ dodoɔ no ara de ahonidie na ɛhyɛ wɔnsɛm ase. Mfasoɔ a, ɛwɔ asɔreyɛ so no bi ne sɛ, ɛma onipa di ne ho ni wɔ n’asetena mu.

Nea edi hɔ biom ne sɛ, asɔreyɛ ma onipa twe ne ho firi bɔne ho. Ɛbɔ ɔgyidini ho ban firi ewiase nkekaawa ho. (Al-Ankabut, 29:45)

Mprenum asɔreyɛ ma ho kwan ma onipa kae ne wura Nyankopɔn mprenum dakoro. Ɛsi akɔnnɔ ne akomapɛdeɛ ho kwan, na ama onipa ayɛ tenenee nwuma. Asɔreyɛ rekaekae onipa daakye asetena no, na ɛreyɛ ne wiase asetena nso yie. Ɛfiri sɛ honam akɔnnɔ ne akomapɛdeɛ na ɛde ɔhaw ne amaneɛ brɛ onipa.

Asɔreyɛ ma onipa hunu kann sɛ, Onyankopɔn tease na ɔdi wiase so. Mprenum asɔreyɛ yi onipa firi

Page 51: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ƐSOM NHYEHYEƐ � ---------------------------------------------------------------------------------------

�51

aniha ne asetena mu mfonoyɛ mu. Nkyeremu ne sɛ, sɛ onipa te adwuma korɔ ho saa damu no nyinaa a, ɛma mfonoyɛ ba. Asɔreyɛ ma no twe ne ho kakra anaa ɔnya ahomegyeɛ brɛ tiawa wɔ adwumayɛ mu. Ewiase adwendwen ne kɔdaana yɛ yareɛ kɛseɛ a, ano aduro ne sɛ onipa bɛyi n’adwene afiri ewiase ne emu neɛma so de n’adwene akɔ Nyame so. Sɛ onipa bɔ ne mu ase de n’anim butu fɔm ma ne wura Nyame a, ɔnya atenka sononko a, ɛyɛ honhom mu anigyeɛ ne ahosɛpɛ.

Owura bi a, ne din de Matt Salesman a, na anka ɔyɛ okristoni asɛmpatrɛ kani, kaa asɛm bi sɛ: “Asɔreyɛ (salaat) mu no, me nya asomdwoeɛ ne atenka sononko a, ɛso bi nni hɔ, ɛnkanka Fiada asɔreyɛ mu! Bea a, me nya asomdwoeɛ ma me kra ne nyamedan (maslakyi) mu.” (Ahmet Böken-Ayhan

Eryiğit, Yeni Hayatlar (new line), 1, 49)

Owura bi nso a, ɔbɛyɛɛ muslimini a, ne din de Professor Timothy Gianotti a, ɔwɔ Toronto York suapon mu, se: “Ɛbrɛ a, me de m’anim bɛbutu fɔm no, ɛyɛ me sɛ nea m’akyere asomdwoeɛ no. Me nya atenka sɛ m’anya ahobanbɔ. Asɛ me wɔ asomdwoeɛ asaase so. Ɛbrɛ a, m’anim butufɔm no, ɛyɛ me sɛ nea m’afiri akyirikyiri abɛduru fie. Me nya atenka sɛ m’aduru me Nyankopɔn nkyɛn. Kakraa bi a, mɛtumi aka afa asɔreyɛ ho ne sɛ, asɔreyɛ ma asomdwoeɛ ne akomatɔyam.” (Ahmet Böken – New Lives)

Page 52: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�52

Asɔreyɛ yɛ honhom mu aduane de ma akra. Na ɛnyɛ ɛno nko, ɛsan nso ma honhom ne apɔteɛ. Ɛbrɛ a, gyidini bɔ ne mu ase, sɔre de n’anim butu fɔm na w’atena ne nanso nyinaa no, ma ntini ne nnompe no nya ahoɔden sononko. Asɔreyɛ ma onipa yɛ ahwɛyie ne ahodasoɔ wɔ ɛbrɛ ho. Salaat mprenum no ma on-ipa hyehyɛ ne nwumadie nyinaa pɛpɛɛpɛ.

Muslimifoɔ bɛtumi ayɛ asɔre ankorankorɛ wɔ babiara deɛ, nanso Islam hyɛ wɔn nkorane sɛdeɛ wɔbɛbom ayɛ asɔre. Ɛfiri sɛ nkabom asɔreyɛ yi mpaepaemu a, ɛnam kasa bi a obi ka, bea a, obi firi, gyinabrɛ bi a, obi wɔ, ne obi ahusuo nti no firi hɔ.

Nkabom asɔreyɛ de koroyɛ ɔdɔ ne tumi ba. Na afei nso no, ɛma yɛtumi boaboa yɛnho yɛnho wɔ kwanuasa so. Wei ne yɛ dɔm (ummah) no. Ɛsom a, adefoɔ boa ahiafoɔ. Ntotosoɔ dudu a, yɛkyɛ de ma ahiafoɔ no, ma obiara nya atenka papa. Ɔnuadɔ ne koroyɛ na ɛbɛ ba saa amanfoɔ no so. Na wɔnom nya ɔdɔ ma ɛsom no.

Mprenum asɔreyɛ nyɛ adwuma a, ɛyɛ den de ma nipa. Nnɔnhwere aduonu nnan mu no, emu sima aduonu nnan (24) pɛ na ɔgyidini de bɛn ne wura. Wei nso na ɛde akatua kɛseɛ brɛ onipa. Na ɛyɛ mrɛ de ma adasama sɛ wɔbɛyɛ.

Page 53: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ƐSOM NHYEHYEƐ � ---------------------------------------------------------------------------------------

�53

2. Akɔmkyene Ne Emu Adesua

Akɔmkyene yɛ som wɔ Islam mu. Ɛne sɛ, mus-limini bɛgyae adidie, ɔnom ne barima ne ɔbaa nhy-iamudie, firi ahomakye kɔpem sɛ owia bɛtɔ. Saa dwumadie yi yɛ afe-afe dwumadie. Ɛba so wɔ Is-lam bosome Ramadam mu, nna aduonu nkron anaa nnaduasa.

Nteteɛ a, agyidifoɔ nya no wɔ akɔmkyene mu no bi ne, aboterɛ, ahohyɛsoɔ, ɛna afei, sɛ onipa bɛtwe ne ho afiri honam akɔnnɔ ho. Akɔmkyene bɔ onipa animuonyam ho ban sɛdeɛ ɔnnyɛ akoa mma adidie, ɔnom ne mpaso nna. Wɔnom a, wɔyɛ akɔmkyene no tumi nya suban bi te sɛ, akokoɔduru, nketesie, boasetɔ na afei deɛ wɔbɛnya biara sɔ wɔn ani. Ɛkɔm ne sukɔm a, ɛde onipa wɔ akɔmkyene mu no, ma yɛ hunu adom kɛseɛ a, ɛwɔ aduane ne nsuo ho.

Akɔmkyene boa yɛn ma yɛ yi Onyankopɔn ayɛ, da no ase. Afei, yɛ nya ahummɔbrɔ ne ɔdɔ de ma ne nkoa. Ntɔkwa, ahoɔyaa, anibrɛ ne akasakasa ano aduro ne akyiriwia! Akyiriwia brɛ mu na yɛhunu saa suban yi paa. Muslimini tumi hyɛ ne ho so wɔ saa nneɛma yi nyinaa ho.

Ɛnyɛ nwanwa sɛ Otumfoɔ Nyankopɔn yɛɛ akyiriwia nhyɛ de maa kaanefoɔ no nso ɛsan mfaso kɛse a, ɛwɔ mu. Otumfoɔ Nyankopɔn asɛm yɛ adanseɛ, Ɔse: “O agyidifoɔ! Akyiriwia ayɛ nhyɛ de ama mo sɛnea ɛyɛɛ nhyɛ de maa wɔnom a, edii mo

Page 54: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�54

kan no, sɛnea mo bɛnya nyamesuro...” (Al-Baqara,

2:183-184)

Ansa na akyiriwia bɛ yɛ mfasoɔ wɔ honhom mu no, ɛhia sɛ kyiriwiani bɛtwe ne ho afiri ntorɔ, nkɔnkɔnsa, nsekuro, nankokomtwa, nsedie, nuabrɔ, ntɔkwa ne suban bɔnee nkaeɛ nyinaa ho. Ɔkɔmhyɛni (s) tuu kyiriwiani fo sɛ, ɔnhyɛ ne ho so wɔ brɛ a, obi bɛhyɛ no abufuo. Na wei namso bɛma kyiriwiani akɔmkyene no awie pɛyɔ.

Akyiriwia botaeɛ no bi ne sɛ onipa bɛte apɔ na mfasoɔ pii nam ne so aba. Yɛ tumi hunu saa gyinabrɛ yi wɔ nnua suban mu.Sɛ eduru ɔpɛ brɛ a, nnua po wɔn haban nyinaa, na wɔntwe nsuo na wɔ mfa bo-suo mpo mfefɛ ahaban. Sɛ ɔpɛbrɛ twa mu a, saa nnua yi fefɛ nhaban yi nhwiren na ahyɛ aseɛ aso aba mmrosoɔ. Mfidie te sɛ kaa,adupre ne mfidie akɛseɛ akɛseɛ nyinaa mpo hia ahomegyeɛ kakra na anya ahoɔden foforɔ de ayɛ adwuma.

Apomuden asoeɛ kyerɛ sɛ,akɔmkyene a, ɛnnuru nnaduasa no nni mfasoɔ pii, na saa nso na nea ɛboro nnaduanan nso nni mfaso kɛse. Nea mfasoɔ wɔ mu paa ne nea ɛwɔ mmienu yi ntɛm, ne titiriw sɛ onipa bɛgyae adidie ne ɔnom kakra. Nnɛ mmrɛ yi mu no ɔkwan foforɔ a, adɔkotafoɔ a, ɛwɔ amanone faso sa yareɛ no ne sɛ, wɔnom twa nna tiawa anaa nea ɛdɔɔso de ma ayarefoɔ ma wɔde yɛ akɔmkyene. Nk-anka koankorɔ yareɛ. Biom, akɔmkyene ma apɔteɛ

Page 55: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ƐSOM NHYEHYEƐ � ---------------------------------------------------------------------------------------

�55

wɔ adwene ne honhom mu, ɛma nkanyae kɛse pa ara.

Yɛnhunu sɛ, ɛnyɛ akyiriwia botaeɛ ne sɛ nipad-ua no bɛkɔ ahokyerɛ mu. ɛno nti na Ɔkɔmhyɛni Mu-hammed (s) tuu yɛnfo sɛ yɛnsɔre ahomakye nidi no. Wei bɛma nipadua no ahoɔden na akɔmkyene no nso ayɛ mrɛ. Nea ɔkaeɛ bio ne sɛ, yɛ mpɛ ntɛm nom nsuo brɛ a, owia no bɛkɔ sum mu anaasɛ ɛbrɛ no bɛso no.

Wei ma yɛ hunu sɛ, akyiriwia botaeɛ nyinaa ne sɛ yɛbɛhyɛ y’asodie a, ɛda yɛnso sɛ Nyame nnɔnkɔfoɔ ma. Afei nso yɛbɛtumi ahyɛ yɛn akomapɛdeɛ so. Wei bɛma y’anya nyamesuro na ama yɛso aba mfasoɔ ama dɔm ne y’ankasa yɛ ho.

3.Ahiafoɔ Toɔ (Zakat) Ne Emu Adesua

Ntetesoɔ dudu yɛ ɛtoɔ bi a, asikafoɔ ne adefoɔ yi ma ahiafoɔ a, ɛyɛ nhyɛ. Saa toɔ yi yɛ nhyɛ de ma wɔn a, wɔn sika ne ahodeɛ aduru mpɛnpɛnsoɔ bi. Na dodoɔ a, ɛyɛ nhyɛ sɛ wɔtua yɛ (2. 5%), ɔha mu nkyemu mmienu ne akyiri pɔ nnum pɛ.

Wɔnom a, wɔfata sɛ wɔnsa ka saa sika yi bi na edidisoɔ yi: ahiafoɔ, wɔn a w’akɔ ahokyerɛ mu, wɔn a wɔgyegye saa toɔ no, wɔnom a aba ɛsom no mu foforɔ, wɔnom a wɔwɔ nkoayɛmu, akwantufoɔ ne wɔnom a wɔdi aperapereɛ wɔ nyamekwanso. (Tawba, 9:60)

Page 56: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�56

Ahiafoɔ-toɔ (zakat) bɔ ɛdɔm asetena ho ban firi anibere ne pɛsɛmenkomenya ho. Ɛbɔ adefoɔ ho ban firi adufudepɛ ne, atirimuɔden ho. Ɛna ɛbɔ ahiafoɔ ho ban firi anibere ne ɔtan ho. Zakat yi mpaepaemu firi asikafoɔ ne ahiafoɔ ntɛm. Zakat yɛ ɔkwan baako a, Islam fa so yi ohia firi nipa asetena mu, na afei ɛbɔ ɔhaw a, ɛnam ohia so ba.

Ɛbrɛ bi Caliph Omar bin Abdulaziz somaa ne panin a, ɔda zakat ano, kɔɔ abibirem sɛ ɔnkɔ kyekyɛ zakat ma ahiafoɔ. Anwawasɛm ne sɛ, wɔnom kyinkyiniiɛ nanso wɔnom anya ahifoɔ amma wɔnom annye zakat no. Ɛno nti wɔsan de ne nyinaa san ba Madina.

Ɛnti deɛ Omar bin Abdulaziz yɛeɛ ne sɛ, ɔde saa sika no kɔtotɔɔ nkoa na ɔmaa wɔn fawohodie.

Zakat de ɔdɔ ba asetena mu, ɛma nipa yɛ koro. Zakat yɛ nsamsoɔ a, ɛda ahiafoɔ ne asikafoɔ ntam. Wei nti no, Ɔkɔmhyɛni(s) kaa sɛ:

“Zakat yɛ nsamsoɔ wɔ Islam mu” (Beyhaki, Suab,

111, 20, 195)

Hadis foforɔ mu no, deɛ Anabi(s) kaeɛ ne sɛ:

“Zakat yɛ nsamsoɔ a, ɛda ɔsoroaheman ne bo-ronsamgya ntɛm, nea otua zakat no fa saa nsamsoɔ yi so kɔ ɔsoroaheman mu.” (Abdulrazak, Musannef, IV, 108)

Mfasoɔ a, wɔnom a, wɔgye zakat no nya no nuru wɔn a, wɔtua no deɛ. Zakat asekyerɛ na edidi

Page 57: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ƐSOM NHYEHYEƐ � ---------------------------------------------------------------------------------------

�57

soɔ yi, ahoteɛ, dodoɔ, mfasoɔ ne ahonidie. Nokorɛ ne sɛ, zakat te obi a, otua no ho firi honhom mu nyarewa ne bɔnee ahodoɔ bi ho. Zakat ɛte sika ne ahodeɛ ho na ɛma ahonyadeɛ dɔɔso ara. (At-Tawba, 9:103; Saba, 34:39)

Zakat kyerɛ ayɛyie ne nnaaseɛ a, ɔdefoɔ no de rema Onyankopɔn wɔ saa adom no ho. Otumfoɔ Nyankopɔn se, sɛ yɛda no ase a, dodoɔ na ɔde bɛka yɛn ho, na ɛmom, sɛ yɛ yi no boniayɛ a, asotweɛ a, ɛbɛba yɛn so no ano bɛ yɛ den. (Ibrahim, 14:7)

Sɛ adefoɔ ne asikafoɔ antua zakat a, nhyira ne mfasoɔ no nyinaa dane ɔhaw tia ɔdefoɔ no ne ɛdɔm no nyinaa.

Onyankopkɔn Somafoɔ(s) kaa no brɛ bi sɛ, ɛbrɛ a, amanfoɔ bɛsusu sɛ zakat yɛ adesoa na w’antua no, musuo na ɛbɛba amanfoɔ so. (Tirmizi, Fiten, 38/2210, 2211)

Anabi(s) se: “Ɔman a, emu adefoɔ ntua zakat no, asotweɛ a ɛba wɔnso ne sɛ, nsuo ho bɛyɛ den ama wɔn. Na sɛ wɔnom nni ayɛnmoa deɛ a, ɛneɛ na nsuo bɛgyae tɔ kora.” (Ibn Maja, Fiten, 22; Hakim, IV, 583/8623)

4. Hajjikorɔ Ne Emu Adesua

Makka amantuo (hajj) yɛ som wɔ Islam mu. Ɛyɛ nhyɛ de ma muslimifoɔ a, wɔ wɔ ɛho tumi sɛ wɔtu saa akwantuo yi. Saa tumi a, yɛde tu saa kwan yi ne

Page 58: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�58

sika ne apɔteɛ. Saa amantuo yi, mpɛn koropɛ na ɛyɛ nhyɛ wɔ nkwanna nyinaa mu. Na ɛwɔ nna dodoɔ a, saa amantufoɔ yi de kɔsra kaaba a, ɛwɔ Makka no.

Dwumadie a, wɔnom kɔdi no yɛ mpaebɔ, On-yame nkaekae ne salaat. Anamɔn biara a, wɔnom tu no yɛ nkaekae nko ara, ne ɔdɔ a, wɔnom nya de ma Nyankopɔn. Afei nso wɔnom sua suban bi te sɛ, ahobraseɛ, aboterɛ, ahofama, nokwaredie, ɛbrɛ ho ahwɛyie ne atemuda ho nkaekaeɛ. Biom, wɔnom bɛyi adwenbɔne ne abɔdeɛ ho nsusuiɛ bɔne afiri wɔn tirim.

Hajjikorɔ dane ɔgyidini adwene firi wiase de kɔ honhom afa mu. Saa ɔsom yi da suban binom adi wɔ ɔgyidini mu: ahummɔbrɔ tema, ne ɔdɔ. Kɔpem sɛ, ahayɔ anaa ahaban mpo no, ɛnsɛ sɛ agyidifoɔ te twene. Ne tiawa mu no, abɔdeɛ biara nnya ɔhaw mfiri amantufoɔ yi hɔ.

Muslimini biara a, ɔbɛkɔ hajji no nya honhom mu koroyɛ atenka. Ɛfiri sɛ ɔne anuanom agyidifoɔ ahyia wɔ bea korɔ ne brɛ korɔ mu. Ɛhɔ no, neɛma a, ɛdidisoɔ yi nni gyinabrɛ, ɔman a, obi firi so, kasa a obi ka, ahofadeɛ, ahosuo (tuntum anaa kɔkɔɔ). Nea esi weinom nyinaa anan mu ne Islam nuadɔ. Osikani o, ohiani o, nwoma-nimni, nea ɔnnim, ɔhene anaa akoa nni hɔ.

Saa nnipa yi nyinaa yɛ pɛ wɔ Onyankopɔn anim. Wɔnom nyinaa fira ntomakorɔ, wɔ bea korɔ. Anuanom agyidifoɔ tietie wɔn ho wɔn ho haw ne

Page 59: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ƐSOM NHYEHYEƐ � ---------------------------------------------------------------------------------------

�59

ahokyerɛ a, wɔnom wɔ mu. Na wɔnom to anuanom a, ɛwɔ akyirikyiri nkra.

Sɛ yɛ hwɛ nsɛm tiawa a, ɛfa ɔsom a, ɛwɔ Islam mu a, yɛ hunu pefee sɛ Islamsom yɛ abrabɔ. Ɛnyɛ dakoro bi wɔ nnawɔtwe bi mu adwuma. Ɛyɛ dwu-madie a, ɛhyɛ aseɛ firi awoɔ mu kɔsi owuo mu, ne owuo akyiri mpo. Nwomanimni a, wɔbɛyɛɛ muslim-ini, Timothy Gianitti a, ɔwɔ Toronto York suapon mu kaa sɛ: “Ɛbrɛ a, me hwehwɛɛ mu yii Islamsom no, me hunuu sɛ, Islamsom botaeɛ ne sɛ ɔbɛdane asaase so nyinaa ayɛ no nyamesom bea. Nkyeremu ne sɛ, asetena mu nwuma akyiri no, ɛho nhia sɛ onipa twe ne ho firi nipa mu kɔhyɛ kokoam baabi sɛ ɔresom Nyame. Mfatoho ne asɔreyɔ (salaat), ɔkwan a, wɔfa so yɔ no yɛ mmrɛw ma obiara. Ɛma ho kwan ma obi-ara tumi kaekae Onyankopɔn wɔ brɛ biara mu.” (Ah-

met Böken-Ayhan Eryigit, Yeni Hayatlar (new lives), 1, 15-16)

C. NNEƐMA A, ISLAM ABRA NE ƆHAW A, ƐWƆ MU

Otumfoɔ Nyankopɔn ama yɛn ho kwan wɔ Ko-ran mu, sɛ yɛni nnepa a, ɛhoteɛ. Na ɔka wɔnom a, wɔbra saa nnepa yi anim. Onyankopɔn san kyerɛ mu sɛ, nneɛma a, w’abra biara wɔ ɔhaw de ma yɛn. Na deɛ ɛyɛ mfasoɔ de ma yɛn deɛ w’ama ho kwan. Ɔse:

Page 60: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�60

“Ka sɛ: nneɛma a, me wura abra ne: amumuyɔdeɛ, nea ada adi ne nea asuma; bɔne ne sɛ mobɛpo nokware ne adwen…” (Al-Araf, 7:33)

Bɔne ne mmratoɔ te sɛ awuduro, ɛde nipa kɔ ɔsɛeɛ mu, honhom ne honam afa mu. Nanso ɔbonsam ne honam (ɔkra) siesie bɔne ma no yɛ fɛ, na ayɛ dɛ ama onipa. Wɔnom a, wɔma wɔn ho kwan ma saa naadaa yi fa wɔn nnɔmum no, kɔ ɔsɛeɛ mu wɔ hon-hom ne honam afa mu nyinaa.

Nneɛma pii na Onyankopɔn ama ho kwan. Nea w’abra yɛn yɛ kakraa bi. Nea ɛyɛ nwanwa ne sɛ, akyiwadeɛ kakraa bi a, Onyame abra no ne nea Adam nana pɛ.

1. Nsiho

Anisoɔ no, nsiho a, ɛyɛ mfasoɔ da sika (dwe-tire) soɔ a, sikawura ante mfifire biara na ɔnyaeɛ no, yɛ tipa ne kwantiawa a, yɛ fa so de pɛ sika. Nanso nokware paa ne sɛ, ɛyɛ ɔkwan a, ebi fa so de sisi mmɔbrɔwafoɔ a, w’akɔ ahokyerɛ mu.

Ne saa no nti no, ɛyɛ asisie kɛse paa tia Onyankopɔn nkoa. Ɛyɛ suban bɔne a, etia nyamesom ne adasa yiedie. Ɛma asikafoɔ kɔ so dɔre, na ahiafoɔ nso kɔ so yɛ mmɔbɔ. Biom, ɛma adefoɔ kɔ so nya tumi sisi ahiafoɔ.

Page 61: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ƐSOM NHYEHYEƐ � ---------------------------------------------------------------------------------------

�61

Wei nyinaa akyiri no, bɔnee a, ɛwɔ nsiho ne sɛ, ɛma neɛma boɔ kɔ soro, atirimuɔden, ayamuɔnwono, ɔtan, pɛsɛmenko-menya ne adufudepɛ.

Nsiho de aniha ba. Wɔnom a, wɔdi nsiho dwa no, wɔnyɛ adwuma, afei wɔnom mfa wɔn sika nyɛ adwuma na ɛde mfasoɔ abrɛ amanfoɔ.

Saa mpenpensifoɔ yi kyiri sɛ wɔde wɔn sika bɛwura nwuma bi mu te sɛ, kuadwuma, dwadie ne nea ɛkeka ho. Nea wɔnom nim ara ne sɛ, ‘fa sika pɛ sika’ ɛno nso na ɛde ɔhaw brɛ adasama. Ɛfiri sɛ ɛmma asetena mu ntu mpɔn.

Sɛ yɛkɔ Koran kronkron no mu a, y’atwerɛ wɔ mu sɛ, Onyankopɔn ne ne somafoɔ asuae ɔkoo wɔ wɔnom a, wɔdi nsiho dwa no so. (Baqara, 2:278, 279)

Otumfoɔ Nyankopɔn ka no wɔ bea foforɔ wɔ Koran mu sɛ: “Wɔnom a, wɔdi nsiho no nsɛsoɔ wɔ atemuda bɛyɛ te sɛ obia abonsamfoɔ (mmoatia) abɔ no dam.” (Al-Baqara, 2:275)

Sikabɔne paa wɔ Ɔkɔmhyɛni(s) anim no, ne nsiho. Na ɔpɛsɛ ɔbɔ ne dɔm ho ban firi saa musuo yi ho nti no, ɔdomee wɔnom a, nsiho fa wɔn ho nyi-naa. Wɔnom a, wɔgye nsiho anaa ɛnam wɔnso ma amanfoɔ gye nsiho, atwerɛfoɔ ne adansefoɔ anaa wɔn a, wɔdii agyinamu, nyinaa no, Nyame somafoɔ adome wɔnom. Ɔkyerɛɛ mu sɛ, saa nnipa yi nyinaa bɔnee yɛ pɛ. (Muslim, Musakat, 105-106)

Page 62: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�62

Anabi(s) nnomee yi kyerɛ pefee sɛ, nsiho nni gyinabrɛ wɔ Islam mu. Afei nso, ɔkwan biara a, ɛnamso de nsiho ba no, w’abra. Nsiho yɛ bɔne bi a, ɛsom nyinaa bra. Ɛfiri sɛ nsiho musuo da adi pefee a, ɛnsumaeɛ. Koran kyerɛ sɛ, Onyankopɔn braa nsiho maa Yahudiafoɔ (jews). (An-Nisa, 4:160-161)

Mma obi nsusu sɛ nnɛ mrɛ yi mu ɛyɛ den sɛ wɔbɛ bra nsiho. Akwanya wɔ hɔ sɛ yɛ bɛ tumi ayi nsiho afiri yɛn dwadie mu. Aman binom atumi ayi nsiho afiri wɔn dwadie mu. Ɛwɔ mu sɛ Islam abra nsiho deɛ, nanso ɛma ho kwan sɛ amanfoɔ anaa akuokuo bɛka wɔn ho abom adi dwa, apɛ mfasoɔ. Sika a, ankorɛnkorɛ bɛka abom de adi dwuma apɛ mfasoɔ no yɛ adeɛ a, Islam hyɛ nkurane wɔ ho. Ɛfiri sɛ ɛyɛ mfasoɔ de ma dɔm anaa afanu no nyinaa.

Islam ma nkuranhyɛ wɔ boseaa ma ho, ɛnkɔba sɛ nsiho nni mu. Afei yɛbɛ ma no Nyame nti. (Qard Hasan)

Islam mu no, boseaa a, yɛde ma nea ne ho aky-ere noɔ no wɔ akatua sene adɔeɛ (sadaqa). Islam nam zakat ne sadaqa so akyerɛ ɔkwan pa a, yɛn sikasɛm bɛkɔ yie, na agyina.

2. Nsanom

Nsa den nyɛ ma nipa. Ahokeka ne adwend-wen yɛ onipa su, ɛno nti adeɛ biara a, ɛbɛ ma onipa

Page 63: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ƐSOM NHYEHYEƐ � ---------------------------------------------------------------------------------------

�63

ayɛ onihafo anaa ɛbɛma ɔntumi nwenwene no yɛ adebɔne. Nsabrɔ de nipa kɔ yera ne mfomsoɔ mu.

Nsanom de ɔhaw brɛ ankorɛ-nkorɛ ne dɔm nyi-naa. Ɛkame ayɛ sɛ ewiase ne asetena mu dwumadie nyinaa yɛde adwene a, emu dahɔ na ɛyɛ. Onipa dua no mu nso no, deɛ nsa dikan sɛe no ne adwene. Sɛ adwene no yɛ mrɛ anaa ɛsesa a, nea onipa yɛ biara yɛ mfomsoɔ nko ara. Nsabofoɔ biara ne nsɛmmɔnee na ɛnam.

Ɔbonsam nam nsaden ne kyakyatoɔ so de ɔtan ne nitan ba amanfoɔ ntɛm. Ɔma wɔnom ko tia wɔn ho wɔn ho. Biom, ɔma wɔn werɛ firi Onyankopɔn nkaekae ne asɔreyɛ. Ɔde wɔn kɔ ohia mu wɔ ewi-ase ne atemuda. Ne tiawa mu no, ɔbonsam nam nsa ne kyakyatoɔ so sɛe adasama wiase ne wɔn daakye asetena. (Al-Maida, 5:90-91)

Nwomanimni a, ne din de Rachinsky a, ɔfiri Russia man mu nsɛm bi a, ɔka faa nsaden ho na edisoɔ yi:

“Ɔbonsam adɛm wɔ nsatoa mu retwɛn nsanomfoɔ agye wɔn ho nneɛma nyinaa. Ataadeɛ koro a, aka wɔn ho mpo no ɔgye na nkɔntɔmoa koro a, aka a, wɔde rema wɔn ba koraa no, ɔgye firi wɔnsam.

Nea ɛka ho biom ne sɛ, ɔbonsam nam nsa so ma amanfoɔ, abusua ne wɔnom a, w’afa wɔn nnɔmum nyinaa hwere wɔn apɔteɛ, anigyeɛ, animuonyam ne

Page 64: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�64

yiedie. Sɛnea ɔsi wɔn kwan ma wɔntumi nwennwen dwumadiepa bi ho no, saa nso na ɔsi wɔn sikanya ho kwan. Nea edikan no, yɛnhwɛ nnuane, anomnom-neɛ ne dwumadie a, ɛkɔ so ansa na nsa ayɛ nsa.

Ansa na nsa bɛyɛ nsa no, nnuane pii na wɔsɛe noɔ a, anka sɛ yɛde rema amanfoɔ adi a, anka ɛkɔm rema wiase. Mfatoho no bi ne abɛ, ne esam a, yɛde yɛ paanoo ne nea ɛkeka ho. (Apɛtɛhye nti, yɛnhwɛ mmɛ nua a, abɛtwafoɔ to gu fɔm sɛe noɔ). Sɛ nnuane a, nnipa bɛdie a, nsa nti wɔsɛe noɔ da nkyɛn a, nea mmoa a, ɛwɔ wiram ne fiemmoa bɛdi a, wɔsɛe noɔ nni anoo.

Ɛtoɔ a, nsanomfoɔ tua ma ɔbonsam no, obiara nnim anoo. Anikasɛm ne sɛ, nsabofoɔ fa kwan biara so tua ɔbonsam toɔ, nanso amanfoɔ ka deɛ, wɔtwii wɔn ani a, wɔntua. Ɔkwan a, ɔbonsam fa so gye ne toɔ firi nsanomfoɔ hɔ no boro nteasea so. Ɛfiri sɛ, sɛ saa nkorɔfoɔ yi nni sika a, wɔde bɛtua ɔbonsam toɔ yi a, wɔnom tumi bɔ korɔno anaa sɛ wɔnom tumi kɔdiawu pɛ sika kɔtua saa toɔ no. Ɛmfa ho sɛ nsanomfoɔ bɛtɔn wɔn animuonyam de anya sika akɔtua bonsam toɔ yi.

Nsa nti, nipa titirifoɔ ne animuonyamfoɔ pii na ahwere wɔnkwa, anaa akɔ ɔsɛeɛ mu. Nnipa mpem-pem na nsa asɛe wɔn apɔteɛ ne asomdwoeɛ. Ahobanbɔ ho yɛ nna wɔ ɔman a, emu nipa atu nsaweɛ. Ɛno nti no, asodie a edikan wɔ amanyɔfoɔ so ne sɛ wɔ bɛtu

Page 65: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ƐSOM NHYEHYEƐ � ---------------------------------------------------------------------------------------

�65

nsanom ase”. (Grigory Petrov, Ideal Öğretmen (The Ideal Teacher), İstanbul 2005, pp. 48-52)

Ewiase apɔmuden ekubaatan yɛɛ nhwehwɛmu wɔ aman aduasa so ɛfa nsusuansoɔ a, nsa de aba amanfoɔ asetena mu. Nea wɔnom hunuuiɛ nie:

Awudisɛm: ɔhamu abupen aduɔwɔtwe nnum firi nsa.

Monaatoɔ: ɔhamu aduonum firi nsa.

Basabasayɔ: ɔhamu aduonum yɛ nsa.

Awaresɛm ne abusua-ntɔkwa: ɔhamu abupɛn aduɔson firi nsa.

Adwenemu yareɛ: ɔhamu abupɛn aduasa firi nsa. Adwenemu yareɛ hyɛ aseɛ firi yafunu mu. Maamefoɔ a, wɔnom nsa no na ɛtaa wo saa nkwadaa yi. Ɔhaw pii na nsa de ma nkwadaa wɔ yafunu mu: aniyareɛ, nkwatiankwatia ne nea ɛkeka ho pii.

Nkwadaa pii no ara na wɔnom mmɔ mɔdene wɔ adesua mu. Nea ɛde saa ba no bi yɛ efie a, nkwadaa no firi mu. Efie a, nsa nti ntɔkwa mpa da wɔ mu no, nkwadaa a wɔnom wɔ saa fie no mu wɔ adwene mu haw. Wɔnom nnya asomdwoeɛ nsua adeɛ. (Musa To-sum, article: ‘İçki (Alcoholic Drinks), Diyanet Islam Ansiklope-disi-XXI, p. 463)

Ɔkɔmhyɛni(s) ahyɛ yɛn sɛ:

“Ma monnom nsa dabiarada, ɛfiri sɛ ɛyɛ bɔne ne amumuyɔdeɛ nyinaa maame.” (Ibn-i Majah, Ashriba, , I)

Page 66: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�66

Ɔsan kaa bio sɛ:

“Ade dodoɔ bi ma obi boronsa a, ɛneɛ saa ade korɔ no kakraabi yɛ akyiwadeɛ, na y’abra.” (Abu Dawud, Ashriba, 5/3861; Tirmizi, Ashriba, 3/1865)

Wei nti no, ɛmma nipa bi nnaadaa wo. Wɔnom a, wɔkasɛ, “Nsa kakraa bi a, ɛmma wo moro no nyɛ bɔne.” Anabi(s) asɛm no adano adi pefee sɛ, sɛ ade dodoɔ bi de borɔ ba, ɛneɛ saa deɛ no kakraa bi yɛ akyiwadeɛ. Islam pɛ sɛ ɔbɔ bɔne ho ban nti no, ɔsi akwan biara a, ɛnam so ma saa bɔne no ba. Islam nam nyansa a, emu yɛ duro so na ɛbra biribi. Ɔde asotwee a, ɛfata to hɔ ma wɔnom a, wɔfom mmra no. Saa nsɛm yi a, y’abobɔso no ma yɛn hunu sɛnea yɛsom yi mfa nipa yiedie nni agorɔ. Afei ɔdɔ ne ahummɔbrɔ na Islam wɔ de ma adasama.

3. Adwamammɔ

Adwaman ne mpenatweɛ yɛ suban bɔne. Ad-wene mu, suban mu, mmra ne nyamesom nyinaa mpene saa suban yi so. Adwamanmmɔ de mogya-fra ba nnipa mu. Afei ɛtete abusuayɔ mu. Ɛde ntotoɛ ba afipamfoɔ ne nnamfoɔ mu. Adwamanmmɔ sɛe hon-hom mu mpuntuo na ɛsɛe suban nso.

Saa suban yi ma onipa yɛ akoa de ma honam akɔnnɔ, na awieɛ no nso ayɛ animguaseɛ ne aho-horaa.

Page 67: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ƐSOM NHYEHYEƐ � ---------------------------------------------------------------------------------------

�67

Sɛ ɛba apɔmuden mu nso a, ɔhaw pii na adwamammɔ de brɛ onipa. Wɔnom a, wɔde wɔnho wura saa suban yi mu no taa nya yareɛ bi te sɛ, ba-baso, babasonini, ne nnamu yareɛ ahodoɔ pii.

Otumfoɔ Nyankopɔn a, ɔyɛ ahummɔbrɔ ne ɔdɔ de ma ne nkoa mpɛsɛ yɛ bɛ kɔ saa amaneɛ yi mu. Ɛno nti w’abra yɛn sɛ, mma yɛ mpinkyɛn adwamammɔ mpo na kampɛsɛ y’akɔbɔ; Ɔse:

“…Mmonhwɛ na moamɛn aniwusɛm ne amumuyɔsɛm ho, sɛ ada adi anaa asuma; monni awu nso, (efiri sɛ) Onyankopɔn ayɛ nkwa no kro-nkron. Na sɛ mobɛyi obi nkwa a, gye sɛ mmra kwanso ne atɛntenenee. Wei ne deɛ Ɔrehyɛ mo, na moasua nyansa.” (Al-An’am, 6:151)

“Na mommɛn adwamanmmɔ: ɛfiri sɛ, ɛyɛ aniwusɛm ne bɔne a, ebie kwan ma bɔne afoforɔ.” (Al-Asra, 17:32)

Nkyeremu kakra ne sɛ, Onyankopɔn tu yɛnfo fa adeɛ biara a, ɛnamso de obi bɛkɔ adwamammɔ mu. Ɔkɔmhyɛni Muhammad(s) kasa faa ɔhaw a, akɔnnɔ nhwɛ de brɛ akoma no. Nea ɔkaeɛ nie:

“Ɔbonsam agyan a, ɛyɛ hu paa baako ne akɔnnɔ nhwɛ. Na obi a, Nyankopɔn nti ɔbɛ twe ne ho afiri akɔnnɔ nhwɛ ho no, Onyame nso bɛma no gyidie bi a, ɛwɔ ɛdɛ sononko a, ɔbɛte saa dɛ no wɔ n’akoma mu.”

Page 68: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�68

Wei nti no, ɔkwan a, Islam fa so bra saa bɔne yi ne sɛ, ɔkyerɛ ahofadeɛ a, mmaa mfa ne bea a, ɛsɛ sɛ wɔnom kata wɔ nipadua no ho. Saa ara nso na w’akyerɛ mmarima bea a, ɛsɛ sɛ wɔnom kata. Afei nso ɔde ɛhyeɛ ato mmarima ne mmaa ntɛm a, ɛnsɛ sɛ wɔnom di afra basabasa. Gye sɛ wɔnom yɛ abusua a, ɛbɛn.

Islam kɔso kyerɛkyerɛ awofoɔ de asodie to wɔn so ɛfa wɔn nkwadaa ho. Ɛne sɛ wɔde wɔn mma a, w’aduru awareɛ mfie so, bɛma awareɛ ntɛm. Afei wɔbɛma awareɛ boɔ ayɛ mrɛ sɛnea mmarima bɛtumi aware.

Wei na ama y’ahunu sɛ, Islam nyɛɛ n’adwen sɛ ɔbɛtwe mmratofoɔ aso kwa, na ɛmom, sɛ amanfoɔ bɛnya ahobanbɔ ne asomdwoeɛ nti. Abakɔsɛm mu no, asotwee a, yɛde ma adwamammɔfoɔ no ho yɛ na, ɛntaa nsi.

Bɔne a, y’abobɔ soɔ yi akyiri no, bɔne akɛseɛ bi nso wɔ hɔ a, Islam abra. Saa bɔne no bi ne, nipak-um, nkonyaayie, nhyɛsoɔ, awofoɔ so asoɔden, ntorɔ, nkyisɛmka, nyanka agyapadeɛ a, wɔdi no kwan bɔne so, korɔnoo, nankokomtwa ne kyakyatoɔ. (Bukhari, Shahadat, 10, Wasiya 23; Muslim, Birr, 55, 56, …)

Page 69: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ƐSOM NHYEHYEƐ � ---------------------------------------------------------------------------------------

�69

D. ABƆDEƐ BƆBERƐ, AHONIDIE NE NSUO, HO ASƐM WƆ ISLAM MU

1. Abɔdeɛ Bɔberɛ

Otumfoɔ Nyankopɔn aka sɛ adeɛ biara a, ɛbɛ hia yɛn no, w’abɔ ne nyinaa wɔ abɔdeɛbɔberɛ yi mu. Sɛ yɛhwɛ nneɛma a, atwa yɛn ho ahyia nyinaa a, yɛtumi hunu sɛ ɛyɛ adasama mfasoɔ nti na Ɔbɔadeɛ ayɛ ne nyinaa.

Ɔkwan a, yɛbɛ faso ayi Ɔbɔadeɛ no ayɛ wɔ saa adom kɛseɛ yi ho nie:

Ɛwɔ sɛ yɛhunu sɛ, ɛyɛ asodie da yɛn so sɛ yɛbɔ saa abɔberɛdeɛ yi ho ban.

Ɛnsɛ sɛ yɛsɛe neɛma a, atwa yɛn ho ahyia yi anaasɛ yɛ yɛ nhwɛhaa ma amanfoɔ sɛe no. Ɛba saa a, na y’ayɛ boniayɛfoɔ. Ɛnyɛ ɛno nko, na ɛmom yɛnkae nhunu sɛ ɛhaw no nyinaa bɛsan aba y’ankasa so.

Otumfoɔ Nyankopɔn na ɔkaeɛ:

“Nnipa nsa ano adwuma nti bɔne ne ɔsɛeɛ aba asaase ne ɔpo so. Wei na Onyankopɔn bɛma wɔnom aka wɔn (nsɛmmɔne) no so aba ahwɛ: sɛnea ɛbɛ ma w’atwe wɔn ho afiri nsɛmmɔne ho.” (Ar-Rum, 30:41)

Nokware nie, Onyankopɔn adikan ahyɛ dada sɛ:

Page 70: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�70

“Na w’apagya ɔsoro ntrɛmu no, ɛna ɔde (nokware) nsɛnia ato hɔ, sɛnea mo ntra nhyehyeɛ a, ɛda hɔ no.” (Ar-Rahman, 55:7-8)

Afotusɛm ne kɔkɔbɔ yi nyinaa akyi no, onipa antie w’ayɛ deɛ yɛ nyɛ, ama ɛnnɛ yɛretua ho ka. Ɛho nsunsoansoɔ aba yɛn so.

Muslimini nam ɔdɔ ne asomdweɛ a, Islam de ahyɛ n’akoma mu no so, ne nnipa, mmoa, mfudeɛ ne nneɛma bi a ɛnni homee di no yie. Ɔnnyɛ adeɛ a, ɛbɛ ha abɔdeɛ, sɛ ɛyɛ nipa anaa ɛnyɛ nipa, sɛ ɛhomee anaa ɛnhomee.

Dakoro bi a, amanfoɔ de nipa amu (owufo) ret-wamu wɔ Ɔkɔmhyɛni(s) anim no, deɛ ɔkaeɛ ne sɛ;

“Ne ho atɔ no, anaa amanfoɔ ho atɔ wɔn.”

Asuafoɔ no bisaa no sɛ: “O Onyame somafoɔ! Asɛm yi kyerɛ sɛn, ne ho atɔ no, anaa sɛ amanfoɔ ho atɔ wɔn?” Ɛna Ɔsomafoɔ (s) yii ano sɛ:

“Sɛ ɔgyidini wu a, na ne ho atɔ no, ɛfiri sɛ na w’anya ne ho afiri wiase brɛ ne ɔhaw mu. Afei ne nsa nso aka Onyame ahummɔbrɔ.

Sɛ ɔbɔnefoɔ wu a, na nnipa, nsaase, nnua ne mmoa ho atɔ wɔn, na wɔnom anya asomdwoeɛ.” (Bukhari, Rikak, 42; Nesai, Jenaiz, 48; Ahmed, V, 296, 302, 304)

Ɛwɔ sɛ adasama twe wɔn ho firi nneɛma bi a, wɔnom yɛ a, ɛde ɔhaw brɛ amanfoɔ, baabiara ne

Page 71: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ƐSOM NHYEHYEƐ � ---------------------------------------------------------------------------------------

�71

ɛbrɛ biara. Ɛfii ne ewira a, yɛ yɛgu nsuom, asaase so, ewiem, mframa mu no nyinaa mfata ɔgyidini. Ɛnyɛ ɛno nko, na ɛmom, nea yɛ yɛ gu yɛn nkuro ne ne mmɔntene so nyinaa no, mmoa mma yɛn nnipaban nwie pɛ yɔ. Ɛyɛ aniwuo ne ahohoraa de ma yɛn sɛ yɛbɛ yɛ saa de aha yɛnho ne afoforɔ nso.

Islam akyerɛ muslimini ama w’ahunu sɛ ɛnsɛ sɛ ɔyɛ adeɛ a, ɛbɛ sɛe nneɛma fɛfɛ a Onyame abɔ de asiesie wiase no. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔbɛ yɛ biribi a, ɛbɛ ha ne yɔnko nipa. Ɔgyidini m’apa ne obi a, ɔntoto nneɛma a, ɛyɛ bɔɔla bi te sɛ, ntontoraa, nnua-ba hono ne agyanan ngu mmɔntene so ne mmeamea a, nnipa fa ne bea a, wɔgye mfrɛ.

Onyankopɔn Somafoɔ Muhammad(s) ano asɛm kyerɛ sɛ, gyidie nkorabata baako ne sɛ obi bɛyi ɔhaw adeɛ bi afiri ɔkwan mu, sɛ ɛyɛ nkasɛɛ anaa dua bi a, asi kwan. (Muslim, Iman 58) Ɔkɔmhyɛni(s) kae sɛ, Onyankopɔn ani nye wɔn a, wɔha amanfoɔ, ho. Muaz bin Anas(r) bɔɔ amaneɛ sɛ:

“Na me ka asraafoɔ a, wɔne Ɔsomafoɔ(s) kɔɔ ɔkoo bi ho. Nsraban mu no, asraafoɔ no bɔ peeso a, na ɔkwan nna baabiara. Ɛhɔ na Anabi(s) somaa obi maa ɔbɛbɔɔ amaneɛ sɛ: ‘obi a, ɔbɛ si ne yɔnko kwan anaa ɔbɛ kame no wɔ biribi ho no, nni akatua bi-ara wɔ Nyame-koo (jihad) yi mu’” (Abu Dawud, Jehad, 88/2629; Ahmed, 111, 441)

Nkyerɛmu a, ɛwɔ asɛm yi mu ne sɛ, Onyankopɔn Somafoɔ Muhammad(s) kyerɛ yɛn sɛ, ɛyɛ mfomsoɔ

Page 72: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�72

paa sɛ yɛbɛsi amanfoɔ kwan a, wɔnom namso anaa sɛ yɛ bɛ yɛ akwansideɛ de ama afoforɔ abrɛ a, nteaseɛ biara nni mu. Na wɔnom a, wɔ yɛ saa no hwere hon-hom mu akatua.

Wei nti no, ɛwɔ sɛ amanfoɔ gyae nneyɔe bi te sɛ nnipa mu ntasu teteɛ, mpo, sɛ wo de wo kaa bɛsi amanfoɔ kwan ne nea ɛkeka ho. Ɛnyɛ nnipa nko na muslimifoɔ yɛ ahwɛyie sɛ wɔnha wɔn na ɛmom, abɔdeɛ nkaeɛ no nyinaa.

Ɔtwerɛfoɔ Montaigne a w’agye din yie a, ɔfiri France man mu twerɛɛ wɔ ne nwoma mu sɛ, “Turkey muslimifoɔ asisi ayaresabea ama mmoa mpo.”

Guer a, ɔno nso yɛ ‘lawyer’ a, ɔfiri France hɔ ara kɔɔ nsra- hwɛ wɔ Ottoman Empire wɔ 17th century, nso kae sɛ, ɔkɔ hunuu nkra (nyinamoa) ayaresabea wɔ Damascus.

Nwomanimni kɛseɛ bi a, ne din de Prof. Dr. Sibai bɔɔ yɛn amaneɛ sɛ, “muslimifoɔ asisi mmeamea bi a, wɔhwɛ mmoa ayarefoɔ. Bea bi a, ɛwɔ Damas-cus a, ɛde ‘The Green Field’ yɛ bea bi a, w’agya hɔ ama mmoa a, yareɛ ne enyini nti wɔnom wuranom apo wɔn. Ɛhɔ na mmoa no didi yɛ biribiara kɔpem sɛ wɔbɛ wuo. Nkra bɛboro ɔha na ɛwɔ saa bea yi abrɛbiara. Wɔnom nni wuranom nanso aduane ne nsuo mmɔ wɔn.”

Islamsom yɛ ahwɛyie kɛse ɛfa nnua ne nturo ho paa. Ɛfiri sɛ Ɔkɔmhyɛni Muhammad(s) aka sɛ: “Sɛ

Page 73: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ƐSOM NHYEHYEƐ � ---------------------------------------------------------------------------------------

�73

mo mu bi hunu atemuda nsɛnkyerɛnee, na sɛ ɔkura aduaba bi a, ɔpɛsɛ ɔdua a, ɔnua ansa na atemuda no asi, sɛ ɔbɛtumi a.” (Ahmad, 111, 191, 183)

Abu Darda(r) a, ɔyɛ asuafoɔ mpanimfoɔ no mu baako, brɛ bi a, na ɔredua dua bi te sɛ (abɛ). Obi a, ɔretwam pinii ne nkyɛn de ahodwiri bisaa no sɛ: “obia wo ka mpaninfoɔ a, wɔbɛn Ɔkɔmhyɛni (s) na woredua dua yi?”

Abu Darda nso yii n’ano sɛ: “To wo bo ase, mpre wo ho nka biribi, na m’ate sɛ Onyame Somafoɔ(s) rekasɛ: “S ɛ obi dua aba bi na ɛso ma Onyankopɔn abɔdeɛ bi dibi a, ɛyɛ adɔeɛ (sadaqa) ma onipakorɔ.”” (Ahmed, VI, 444. Muslim, Musakat, 7)

Biom, Onyame Somafoɔ no kae sɛ:

“Obia ɔbɛtwa dua a ɛma nwunu a yɛfrɛ no si-dre, wɔ abrɛ a ɛnyɛ ade hia bi nti no, Onyame bɛtwe saa onipa no tiri ase atwene boronsam gyam.” (Abu

Dawud, Adab, 158-159/5239)

Yɛn Kɔmhyɛni(s) braa asraafoɔ sɛ ma wɔnom ntwa dua, anaa nsɛe mfudeɛ, na afei mma wɔnyɔ ahayɔ ɛfiri sɛ, Madina, Makka ne Taif yɛ kronkron bea a, y’abra saa nneɛe yi. (Abu Dawud, Menasik, 96)

Ɔsomafoɔ kakyerɛɛ Banu Harithafoɔ sɛ:

“Obi a, ɔbɛtwa dua bi no, ɔnua bi nhyɛ anan mu.”

Page 74: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�74

Ɔkɔmhyɛni (s) atete ɛdɔm bi a, wɔnom wɔ ɔdɔ ne tema de ma abɔdeɛ nyinaa. Ɔtuu wɔn fo sɛnea wɔnom bɛhwɛ abɔadeɛ bɔberɛ yie. Calif a, ɔdikan, Abu Bakar (r) ne n’asraafoɔ rebɛkɔ ɔsa no, afotuo a, ɔde maa wɔn na edisoɔ yi:

“Monhwɛ na moampa mo yɔnko akyi, mo nwia (mo mfom) ɔsa mu neɛma a, mo bɛnya no, monnhyɛ obiara aniɛyaa, monntwitwa asoo anaa ɛhwene, monnkum nkwadaa, mpaninfoɔ anaa mmaa! Afei nso monntwa akyerɛnsua mma nnua na monnhye nnɔbaeɛ. Monntwa dua biara a, ɛso aba. Monnkum ayɛnmoa, agyesɛ nea mo bɛdi nkutoo.

Mobɛhyia amanfoɔ binom a, wɔhyɛ asɔredan mu resom Nyame, monnyɛ wɔn hwee.”

2. Ahonidie

Islam ma nkoranhyɛ wɔ ahonidie a, ɛfa nipadua ne suban mu. Na ɛkyerɛ ɔkwan a, yɛ bɛ fa so ama yɛ nsa aka Otumfoɔ Nyankopɔn kasa wɔ Koran kronk-ron no mu a, ɛreka sɛ:

“…Onyankopɔn dɔ wɔnom a, wɔte wɔn ho.” (Baqara, 2:222)

Onyame Somafoɔ no nso kaa sɛ:

“Onyankopɔn ho te na ɔdɔ ahonidie.” (Tirmizi, Adab, 41/2799)

Page 75: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ƐSOM NHYEHYEƐ � ---------------------------------------------------------------------------------------

�75

Sɛ yɛ kenkan Ɔkɔmhyɛni(s) abakɔsɛm a, yɛtumi hunu sɛ, na ɔmfa ahonidie ho asɛm nni agorɔ kora wɔ n’abrabɔ mu.

Sɛ ɛyɛ nyamedan mu korɔ, badwamkorɔ anaa adamfoɔ nsra, ɔhwɛ yie sɛ w’ahyɛ ataade pa a, ɛhoteɛ. Na ɔmfa sradehwam a, ne mpanpae bɛha obi nyɛ ne ho. Aduane bi te sɛ gyeene anaa ‘garlic’ yɛ adeɛ a, na ɔmfa nka n’ano wɔ abrɛ a, ɔrepue akɔ nipa mu. Abu Kursafa(r) dii asɛm yi ho adanseɛ wɔ n’asɛm a, edisoɔ yi mu.

Me ne me maame ne me sewaa kɔsraa Nyame somafoɔ sɛ yɛrekɔsuae agye no atom. Mmrɛ a, yɛsan baa fie no, asɛm a, me maame kaeɛ ne sɛ: “Me ba, yɛnhunuu saa onipa yi nsɛsoɔ da! Yɛnhunuu obi a, n’anim hyerɛn fɛɛfɛ, na ne ntaadeɛ ho teɛ afei ɔkasa a, ne nsɛm yɛ bɔkɔɔ, sɛ saa ɔbarima yi. Asɛ nhyerɛnee firi n’anum pue.” (Haythami, VIII, 279-280)

Islam de asetena mu nhyehyeɛ aba a, ne fapem gyina ahonidie, ahoteɛ ne anibie so. Yɛn Nkɔmhyɛni (s) se:

“Ahonidie yɛ gyidie mu fa.” (Muslim, Taharah I)

Ɛkame ayɛ sɛ, Islam nwoma ahodoɔ no ara na ɛde ahonidie hyɛ wɔnom nsɛm ase. Ɔsom nnwuma a, ɛwɔ Islam mu no, dodoɔ no ara na ɛhia sɛ wo te wo ho ansa na w’atumi ahyɛ aseɛ. Ansa na saa ɔsom ahodoɔ no bɛyɛ yie no, agye sɛ w’ate nipadua no ho ne bea a, worebɛgyina asom no.

Page 76: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�76

Adwareɛ bea korɔ mpo wɔ nhyehyeɛ a, Islam de ato hɔ. Ɛnsɛ sɛ ade fii bi ka ntaadeɛ mu. Ɔsomafoɔ no asɛm a, ɔka faa asɛm yi ho nie:

“Adakamena mu asotwee dodoɔ no ara gyina hwɛ a, obi nhwɛ yie wɔ dwonsɔ ho.” (Ibn-i Maja, Taha-

rah, 26)

Ɔkaa wei de kyerɛɛ hia a, ehia sɛ onipa di ne ho ni.

Islam ayɛ no nhyɛ sɛ anyɛ biara mpo no, ɛwɔ sɛ muslimini hohoro ne nipadua ho mprenum dakoro biara. Mmeammea a, ɛwɔ sɛ ɔhohoro no ne annum, animu, nsahoo, asoo, tirim ne nnan ho. Saa mmea yi na ɛtaa fa efii ne yaremmoa kɛse paa. Onyame Somafoɔ(s) se:

“Ɔsoroaheman safoa ne salaat (asɔreyɛ), na salaat nso safoa ne ahonidie.” (Ahmed, 111, 340)

Islam nam saa ɔkwan yi so ma ahonidie dane ɔsom, ne nyinaa ne sɛ ɔgyidini bɛnya saa atenka no. Ahonidie a, Ɔsomafoɔ(s) no kaa ho aɛm bio ne anum. Ɔtuu agyidifoɔ fo sɛ wɔnom ntaa nwe duaa, nkanka ɛbrɛ a, wɔre bɛkuta nyamesuo akɔyɛ asɔre no.

Ɔsan nso tuu yɛn fo sɛ, sɛnea ɛbɛyɛ na adidie mu nhyira bɛdɔɔso nti no, yɛ nhohoro yɛn nsa ansa na y’adidi. Na yɛdidi wie nso a, yɛ’nsane nhohoro yɛnsa ho. (Tirmizi, Et’ime, 39/1846)

Page 77: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ƐSOM NHYEHYEƐ � ---------------------------------------------------------------------------------------

�77

Ɛfa nipa dua no ho bio no, Ɔkɔmhyɛni (s) kyerɛɛ sɛ, nipadua no asɛdeɛ no bi ne sɛ, yɛbɛtwa dua (circumcise), yɛbɛ yi nwi a, ɛwɔ nipadua no ho no (mmɔtoam, ne adagyam nwi). Afei yɛbɛ gya abɔdwesɛ na y’atwitwa anowi so. (Bukhari, Libas, 63-64)

Ɛbrɛ bi a, Anabi(s) reyɛ asɔre no, obi nso bae sɛ ɔrebɛyɛ asɔre. Anabi de ne nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnee kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ nunu ne tirinwi ne n’abɔdwesɛ mu. (Muwatta, Shaar, 7 Beyhaki, Shuab, V, 225)

Onyame Somafoɔ(s) yɛ obi a, na ɔmpɛ sɛ ɔbɛte panpae bɔne biara wɔ ne ntaadeɛ mu. Ɛbrɛ bi a, ɔtee fifire panpae wɔ n’ataadeɛ mu no, ɔyi too hɔ faa foforɔ hyɛe. Nana Aisha(r) a, ɔyɛ Anabi Muhammad(s) yere, bɔɔ amaneɛ sɛ, na Anabi(s) anigye aduhwam ho paa. (Abu Dawud, Libas, 19/4074)

Anabi(s) asuafoɔ no yɛ amanfoɔ bi a, na wɔnom mfa wɔn adwuma nni agorɔ koraa. Wɔnom gyina wɔn nnan so yɛ adwuma kɔpem sɛ asɔre brɛ bɛso. Fiada (dwumaa) asɔre yɛ brɛ so a, wɔgyae wɔn nwuma na w’aba asɔre. Ɛsan mfifire ne adwuma panpae nti no, Anabi (s) ka kyerɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na monnware ansa na moaba dwumaa asɔreyɛ!” (Bukhari, Jumuah 16, Buyu 15, Muslim Jumuah 6)

Muslimifoɔ fie yɛ bea ɛhɔ teɛ, wɔnom mfa mpa-boa nwura edan mu. Bea biara ho te kɔpem sɛ obi bɛtumi ayɛ asɔre wɔ baabiara. Nkraman ne nkra yɛ mmoa bia wɔnom mfa wɔn nkɔ wɔn afie. Owura bi a, ne din de M. de Thevenot kaa asɛm bi faa Tur-

Page 78: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�78

key nkramofoɔ ho: “Turkey nkramofoɔ di wɔn ho ni, ɛno nti wɔnyare basabasa. Yareɛ ahodoɔ a, ɛreha yɛ wɔ yɛn man mu no, bi nni Turkey. Mpo koraa no, yareɛ no pii wɔ hɔ a, wɔnom nnim ne din. Me gyidi sɛ wɔnom asumasɛm ne, adwareɛ a, wɔdware no brɛ-ano-brɛ-ano, wɔnom adidie yɛ ɛhɔ ne hɔ.” (M. de Thevenot Relation D’un Vogaye Fait au Levant Paris, 1665, p. 58)

Ɔkɔmhyɛni Muhammad (s) braa muslimifoɔ wɔ efii a, yɛ yɔgu mmɔntene so. Afei, bea wɔgye mfra-ma, ne nkwankwaa nnua ase nyinaa no, ɔbraa sɛ ma obi nyɛ efii bi ngu saa mmea no. Ɛbrɛ bi a, Anabi (s) hunuu ahorɔ a, obi te guu nyamedan mu a, na bea no ani hwɛ kaba no, ɔno ankasa de ne nhyira nsa no pepaae, nanso ne bo fuu nea ɔtee ahorɔ no. (Muslim, Mesajid, 52)

Anabi (s) kaa wɔ ne hadis mu sɛ: “Yɛde m’akyirifoɔ nwuma (papa ne bɔne) kyerɛɛ me. Wɔnom papayɔ mu no, me hunuui sɛ ebi yɛ nneɛma bɔne a, yɛ yi firi ɔkwan mu no. Bɔnee no mu bi nso no, na ebi yɛ ntasuo a, wɔte gu nyamedan mu.” (Mus-lim, Mesajid 52)

Anabi (s) brɛ so no, na ‘carpet’ ne nnɛ kɛtɛ a, yɛ yɛso asɔre no bi nni hɔ. Na ɛyɛ anwea ɛno nti no, na ebinom toto ntasuo wɔ nyamedan mu. Ɛwɔ mu sɛ hadis no kasa fa masalakyi ntasuteɛ ho deɛ, nanso muslimini a, ɔdi ne ho ni paa nto ntasuo wɔ bea a, nnipa tena.

Page 79: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ƐSOM NHYEHYEƐ � ---------------------------------------------------------------------------------------

�79

Ɛbrɛ a, Umar(r) yii abu Musa Al-Ashari sɛ Bas-ra amrado no, ɔhyɛɛ no sɛ, mmɔntene ahonidie ka ne nwuma ho.

3. Nsuo

Nsuo yɛ nneɛma a, ɛho hia paa de ma abɔdeɛ no mu baako. Ɛno nso na yɛ de te neɛma a, atwa yɛn ho ahyia ho. Ne titiriw paa ne sɛ, abɔdeɛ a, ɛwɔ wiase nyinaa dane nsuo. Nsuo yɛ nkwa!

Onyankopn kaa no wɔ Koran mu sɛ: “Nsuo na yɛ de bɔɔ ade nyinaa.” (Nuri, 24:45; Anbiya, 21:30)

Mprɛ pii na Koran kasa fa nsuo ho. Ɔkwan a, nsuo fa so tɔ firi soro gu asaase so, sɛnea mununkum boaboa anoo na ɛdane nsumuna na atɔ sɛ nsuo. Afei, Koran no kasa fa ɔkwan a, nsuo ma asaase wuiɛ sane ba nkwa mu bio. Biom, nsuo a, ɛwɔ asaase ase. Ne tiawa mu no, ɛsan mfaso dodoɔ a, ɛwɔ nsuo ho nti no, Otumfoɔ Nyankopɔn frɛ nsuo sɛ, ‘Ahummɔbrɔ.’ (Al-Araf, 7:57; 42:28)

Muslimifoɔ a, wɔnom nim nsuo gyinabrɛ wɔ asetena mu no mfa nsuo ho asɛm nni agorɔ koraa. Wɔbɔ mpaeɛ ma obi a, ɔma wɔn nsuo. Ɛno nti na wɔnom a, wɔde nsuo ma ahohoɔ a, ɛba Kaaba ho no wɔ gyinabrɛ kɛse no.

Abbas (r) a, ɔyɛ Ɔkɔmhyɛni Muhammad (s) wɔfa no, na ɔwɔ afuo wɔ Taif. Na ɔtaa de emu nnuaba

Page 80: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�80

no bi bɛkyekyɛ ma amanfoɔ wɔ kaaba ho. Ɛno akyiri no, ɔsesa Zamzam nsuo de ma amanfoɔ nso. Ɔdii saa dwumadie ansa na Islam reba, na Islam akyiri no nso ɔtoaa so. Saa adɔeɛ ne dwumdie yi a, na ɔyɛ ma hajjifoɔ no, ne mma ne ne nananom bɛtoaa so, brɛ a, ɔfirii wiase. (Ibn Hisham, IV, 32)

Dakoro bi, Anabi (s) kɔɔ Kaaba ho nsra. Na wɔnom rekyekyɛ nsuo, na ɔno nso bisaa sɛ wɔnom ma no bi nom. Ɛhɔ na Abbas (r) kakyerɛɛ ne ba sɛ ɔnkɔgye nsuo sononko wɔ ɔmaame hɔ mrɛ Anabi (s).

Ɔno nso kaa sɛ: “Ma me nsuo a, obiara renom no bi!”

Abbas (r) yii n’ano sɛ:

“O, Onyame Somafoɔ, amanfoɔ taa ma wɔnsa totɔ nsuo no mu.” Nanso Anabi (s) kɔɔ so kaa sɛ: “ɛnyɛ hwee, ɛno ara bi na mɛnom.” Ɔnomm bi wiee yɛ no, ɔtoaa so kɔɔ baabi a, Zamzam wɔ no.

Ɔkɔ too sɛ Abbas (r) abusuafoɔ reto nsuo, sesa bi de remema hajjifoɔ. Onyame Somafoɔ (s) bɔɔ wɔn abaso kamfoo wɔn. Asɛm a, ɔkaeɛ ne sɛ:

“O, Abdulmuttalib mma, mo nkɔso nto nsuo ma amanfoɔ! Dwumadie pa na moredie no!”

Ɔde sɔɔso sɛ. “Sɛ ɛnyɛ sɛ amanfoɔ hunu sɛ mereto nsuo no a, wɔ bɛba ne mo abɛsi akan a, anka me boaa mo ma yɛtoo nsuo no bi.” (Bukhari, Hajj, 75)

Page 81: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

ƐSOM NHYEHYEƐ � ---------------------------------------------------------------------------------------

�81

Onyame Somafoɔ (s) kyerɛɛ nsuo a, yɛde yɛ adɔeɛ ho mfasoɔ. Deɛ ɔkaeɛ yɛ nie: “Atemuda, obi a ɔrekɔ boronsamgya mu bɛhyia obia ɔrekɔ ɔsora aheman mu, na wakae deɛ ɔrekɔ ɔsoroaheman mu no sɛ:

“Asimasi! Wo kae sɛ (ewiase) wo srɛɛ me nsuo, maa me maa wo bi, ɛnti wo nso boa me. Ɔgyidini no bɛsrɛ Nyankopɔn ama w’agye no afiri amanehunu gyam.

Ɔfoforɔ nso bɛka akyerɛ deɛ ɔrekɔ ɔsoroaheman mu no sɛ, wo kae sɛ wo srɛɛ me nsuo sɛ wo de rekuta nyamesuo maa menso me maa wo bi, mesrɛ wo sɛ ka bi ma me. Ɔno nso bɛsrɛ Nyankopɔn ama wagye no nkwa.

Ɔbaako nso bɛka sɛ: asimasi, wo kae sɛ, wo srɛɛ me maa me kɔhwɛɛ w’adwuma bi so maa wo, ɛnti ɛnnɛ, wo nso boa me. Ɔno nso bɛsrɛ Nyankopɔn ama w’ahunu ne mmɔbɔ” (Ibn-i Majah, Adab, 8)

Ansa na Anabi (s) bɛnom nsuo no, gye sɛ w’ahwɛ ahunu sɛ ɛho te, na afei ɛyɛ dɛ nso. Na ɔpɛ abura mu nsuo paa. Ɔbraa amanfoɔ sɛ ma wɔmfa efii biara nka nsuo. (Bukhari, Wudu, 68, Ibn Hajer, Isabah, III, 615)

Ɛnam so ama Islam ahyɛ sɛ, yɛ mfa nsuo a, ɛhoteɛ, na ɛnni mpanpae bɔne anaa anii nsesaeɛ, na ɛnkuta nyamesuo. Nsuo ho hia a, ɛhia nti no, ɛwɔ sɛ yɛyɛ ahwɛyie.

Onyankopɔn mpɛsɛ yɛbɛ sɛe abɔdeɛ bɔbrɛ tesɛ, nsuo, nnua, mfudeɛ ne nneɛma atwa yɛnho ahyia nyinaa.

Page 82: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�82

Deɛ ɔkaeɛ nie:

“O Adam mma! Monsiesie mo ho nhyɛ ntaade pa, abrɛ biara a, mobɛkɔ akɔsom Me. Mo nidi na mo nom, na ɛmom, biribiara mu no, monnyɛ mma no ntraso, ɛfiri sɛ Onyankopɔn mpɛ adesɛeɛfoɔ asɛm.” (Al-Araf 7:31)

“Nokorɛsɛ, adesɛeɛfoɔ yɛ abonsamfoɔ nnua-nom; na ɔbonsam nso yɛ boniayɛ tia ne wura Nyame.” (Al-Isra, 17:27)

Ɔkɔmhyɛni Muhammad (s) se: “Mo nidi, monom na mo nhyɛ ntaade pa. Afei mo nyɛ adɔeɛ, na ɛmom monnyɛ adesɛefoɔ ne ahantan.” (Bukhari, Libas, 1, - Ibn-i Maja, Libas, 23)

Anoyie biara nni hɔ ma obi a, ɔsɛe nsuo. Efiri sɛ ɛbrɛ bi a, Anabi (s) hunuu sɛ ɔsuani a yɛfrɛ no Sa’d resɛe nsuo pii abrɛ a, na ɔrekuta nyamesuo no, ɔbusaa no sɛ: “Sa’d, adɛn ne nsusɛeɛ yi?”

Sa’d busaa no sɛ: “ɛnti nsusɛeɛ nso yɛ bɔne wɔ nsukuta mu anaa?”

Anabi (s) yii nano sɛ: “Aane, mpo, sɛ wo gyina nsutene mu na wo sɛe nsuo a, ɛyɛ bɔne!” (Ibn-i Maja, Taharah, 48)

Sɛ nsukuta mu nsusɛeɛ yɛ bɔne a, ɛnneɛ na ɛhene fa ne bea bɛn na nsusɛeɛ nyɛ bɔne?

Page 83: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

�83

ƆFA A ƐTƆ SO III

KORAN KRONKRON NO

1. Ɛyɛ adiyisɛm a, y’abɔ ho ban

Otumfoɔ Nyankopɔn sanee Koran kronkron no nidisoɔ nidisoɔ a, aamomu amma prɛkopɛ. Ɛwɔ sɛntia a, ɔyɛɛ no saa. Na, saa botaeɛ no de mfasoɔ pii na abrɛ adasama. Onyame Somafoɔ wɔ atwerɛfoɔ bɛyɛ aduosia nnum (65) a, na wɔtwerɛ adiyɛsɛm a, ɛba ne soɔ no.

Ɛbrɛ a, adiyisɛm bɛsane aba no, ɔfrɛ atwerɛfoɔ a, wɔnom wɔhɔ saa brɛ no ma wɔtwerɛ. Wɔtwerɛ wie a, ɔma wɔkenkan kyerɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔbɛyɛ nsiesie. (Bukhari, Fedailu-koran, 4)

Ɔsomafoɔ dikan kenkan adiyisɛm no kyerɛ mmarima afei na w’akenkan akyerɛ mmaa nso. (Ibn-i

Ishak, Siret, p. 128)

Asuafoɔ no bi sua adiyisɛm no gu wɔn tirim, ɛna ebinom nso twerɛ gu adeɛ so, na ɛwɔ wɔn nkyɛn abrɛ biara.

Saa adiyisɛm yi na Anabi ne asuafoɔ no kenkan no wɔ mprenum asɔreyɛ no mu. Eduru akyiriwia bo-

Page 84: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�84

some (Ramadan) mu a, Anabi (s) ne ɔsoroabɔfo Ga-briel (s) kenkan Koran no kyerɛ wɔn ho wɔn ho.

Afe a, ɛtwatoɔ wɔ Ɔkɔmhyɛni (s) nkwanna mu no, wɔne ɔbɔfo Gabriel kenkann no mprenu. (Bukhari, Bedul-Halk, 6;)

Saa akenkan yi brɛ no, asuafoɔ no bi ba bɛtie ma wɔnom nso kenkan kyerɛ wɔn ho wɔn ho. Afe a, ɛtwa toɔ a, Anabi (s) ne Ɔbɔfo Gabriel kenkann no mprenu no, Zayd bin Sabit ne Ubay bin Ka’b (r) nso kenkan kyerɛɛ wɔnho wɔnho mprenu mprenu. Anabi (s) nso kenkan kyerɛɛ Ubay bin ka’b mprenu.

Weinom nyinaa akyiri no, Ɔkɔmhyɛni (s) bɔɔ mmɔden kyerɛɛ asuafoɔ no kɔpem sɛ Koran no bɛyɛɛ nwoma mua.

2. Koran no nsɛnkyerɛnee ne ne su

Ɔkɔmhyɛni biara yɛ nsɛnkyerɛnee a, ɛhia wɔ ne brɛ so. Anabi Issa (s) (Jesus) brɛ so no, adeɛ a, na ɛhia amanfoɔ no ne ayeresa. Wɔnom a, na amanfoɔ gye wɔn tum paa ne ayaresafoɔ. Ɛno nti adeɛ a, ɛyɛ nsɛnkyerɛnee a, ɛma ayaresafoɔ ho dwiri wɔn na Onyankopɔn de maa Yesu (s) a, ɛno ne ayaresa. Mf-atoho no bi ne sɛ, ɔte anifurafoɔ ani, ɔsa akwatafoɔ yareɛ, mpo no na ɔnyane awufoɔ!

Moses (s) brɛso no, na nkonyaayie ne adeɛ a, na ɛdi mu paa. Nsɛnkyerɛnee a, Onyankopɔn de maa

Page 85: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

KORAN KRONKRON NO � --------------------------------------------------------------------

�85

noɔ ne nkonyaayie sononko a, nkonyaayifoɔ nhunuu so bi da. Anabi Muhammad (s) brɛso no, na anoteɛ kɛtrɛmawoɔ ne adeɛ a, na ɛdi mu paa. Wɔnom a wɔn ho yɛ nwanwa na wɔwɔ gyinabrɛ kɛse paa ne anoteɛfoɔ a, wɔn ano ate yie. Ɛno nti, nsɛnkyerɛnee a, Onyankopɔn de maa Ɔkɔmhyɛni Muhammad (s) no ne Koran kronkron!

Onyankopɔn sanee Koran no wɔ arabic kasa mu. Ɔkwan a, Koran fa so kasa no yɛ anwanwasɛm a, wɔnom a, wɔte kasa no paa ho dwiri wɔn. (Al-Ank-abut, 29;50-51)

Abakɔsɛm, daakye nsɛm ne asumasɛm a, Ko-ran no da no adi no yɛ nsɛnkyerɛnee kɛse. Ɛbaa sɛ abosomsomfoɔ no annye Koran no annie no, Onyankopɔn ne wɔn too nkyea. Deɛ Onyame kaeɛ nie:

“Sɛ mo tiri bɔ mo ase wɔ adiyisɛm a, y’asane ama Y’akoa Muhammed (s) no a, mo nso mo nyɛ ɛmu etire asɛm koropɛ, sɛ mo susu sɛ (ɔno ara na ɔbɔɔ ne tirim twerɛɛ yɛ a) mo mfrɛ adansefoɔ ne moaboafoɔ wɔ Nyame akyi (na wɔmoa mo). Na sɛ monntumi a, - na nokware nso sɛ mo ntumi-ɛneɛ na monsuro egya a, yɛ de nnipa ne aboɔ na asɔ ano, de retwɛn wɔn a, wɔpo gyidie.” (Al-Bakara, 2: 2-24)

Asɛm a Onyame kaeɛ sɛ “Na nokware sɛ monntumi” kyerɛ pefee na ɛsi so dua sɛ, obiara nni Nyankopɔn akyi a ɔbɛtumi ayɛ Koran nsɛsoɔ. Gyesɛ

Page 86: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�86

ɔno Nyankopɔn nkutoo a, ɔnim asumasɛm a, ɛfa abɔdeɛ ho, na ɔnim daakye asɛm na ɔbɛtumi ayɛ Ko-ran no. Saa asɛm a, ano yɛden yi wosoo boniayɛfoɔ no yie.

Wɔnom dwenee asɛm yi ho yie, na ɛhyɛɛ wɔnso. Wɔnom yɛ ho hwee a, na ɛnyɛ yie ɛfiri sɛ ɔkwan bi-ara nni hɔ a, wɔnom bɛtumi afa so ayɛ bi.

Wɔnom antumi anyi asɛm yi ano no, wɔnom faa ɔkwan foforɔ so. Ɛne sɛ, wɔnom hyɛɛ aseɛ dii atɛm, sɛee amanfoɔ adwene. Wɔ twitwaa ntorɔ guu Ɔkɔmhyɛni so na afei Koran no. Nea wɔnom kekaa yɛ na Onyankopɔn bɔ yɛn amaneɛ no:

“Monntie saa Koran no mu asɛm, na mo nkasakasa abrɛ a, akenkan no rekɔso no. Ɛno na nkunimdie bɛyɛ mo dea. ’’ (Fussilat, 41:26)

Saa asɛm yi a, wɔnom kaa yɛ no ada wɔnkoguo adi akyerɛ amansan.

Koran kronkron nnyɛ anwensɛm anaa nwom. Anwanwasɛm ne sɛ, ɔkwan a Koran faso kasa, ɛnee a ɛtu awɔsee, na ɛde kasa no ba wɔ n’apɔso n’apɔso te sɛ anwensɛm nanso ɛboro anwensɛm nteaseɛ so koraa, ɛma nnipa dwene ho a na wɔnteaseɛ. Biom, akenkanfoɔ ne atiefoɔ nyinaa nya atenka sononko wɔ wɔn wedeɛ mu a obi ntumi nkyerɛ mu. Afei nso ɔbrɛ biara nni Koran akenkan ne ne tie mu. Abrɛ bi-ara Koran akenkan sesasesa na ɛyɛ foforɔ daa!

Page 87: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

KORAN KRONKRON NO � --------------------------------------------------------------------

�87

Koran akenkan tɔ akoma so na ɛtu awɔsee! Nokware nie, Islam atamfo mmiɛensa a, na wɔnom yɛ akukudam a, na wɔnom si amanfoɔ ho kwan sɛ ɔbɛtie Koran no, wiawiaa wɔn ho kɔtieeɛ. Saa nnipa yi ne, Abu Jahl, Abu Sufian ne Ahnes bin Shariq. Wɔnom mu biara wiaa ne ho kɔtiee Anabi (s) ak-enkan wɔ n’asɔreyɛ mu anadwo. Aseresɛm ne sɛ, saa nipa yi mu biara ne ne yɔnko kɔhyiaa bɔɔ mpunimpu. Wɔn mu biara nyaa ne yɔnko kasatia maa wɔbuaa wɔnho wɔnho fɔ. Saa ahunta hunta ne mpunimpu bɔ yi kɔɔ so toaa so mprɛnsa. Ɛno nti nea wɔkaeɛ ne sɛ, “moma yɛnhwɛ yie na obiara ante nea akɔso wɔ yɛntɛm yi, anyɛ saa a, animguaseɛ kɛse paa na ɛbɛto yɛn. Sɛ amanfoɔ te sɛ y’awia yɛnho abɛtie Koran no mu nsɛm a, ɛbɛ yɛ dɛn na y’atumi abra wɔn bio? ’’ Ɛno akyiri no, wɔhyehyɛɛ wɔnho bɔ sɛ ɛnyɛ adeɛ a, wɔnom bɛtie Koran no bio. (Ibn-i Hisham, 1, 337-338, taberi, tarih 11, 218-219).

Koran no kasa kyerɛ amanfoɔ ne dɔm sononko sononko wɔ wɔnom brɛ so. Afei sɛnea amanfoɔ no nimdeɛ ne wɔnteaseɛ akɔ duru no, saa ara nso na Ko-ran no faso kasa kyerɛ wɔn. Saa asɛm yi mu nteaseɛ nti, arabiani nwomanimni Mustafa Sadik ar-Rafi kaa sɛ: ‘Koran nsɛnkyerɛnee no mu baako ne sɛ, nsɛmfua mmaako mmaako biara ne nteaseɛ a, ɛwɔ mu de ma tetefoɔ dɔm a, atwam korɔ no. Na ɛda nokware adi kyerɛ obiara wɔ ne brɛ so a, ɛdɔm foforɔ nnim. Wei nso si wɔ ɛbrɛ a, ɛfata mu. ’’(wahy ul kalem, kuwait ts, 11, 66).

Page 88: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�88

a. Koran no bɔ yɛn amaneɛ wɔ asumasɛm ho

Nsɛm a ɛnyɛ nsii yɛ no Koran kronkron no da no adi. Saa asumansɛm a Koran bɔ adasama amaneɛ no yɛ nsɛnkyerɛnee pefee. Adesua kɛseɛ ne abɔbrɛde nhwehwɛmu ho asɛm a Koran no ada no adi no nyɛ adeɛ a obi atumi anya mfomsoɔ wɔ ho.

Nanso sɛ yɛbɛhwɛ a, nwoma akɛseɛ (encyclo-pedias) a, agye din wɔ wiase no, hia nhwehwɛmu foforɔ ne nsiesie brɛ ano- brɛ ano.

Ansa na Onyankopɔn resane Koran kronk-ron no, na abakɔsɛm a ɛfa ɔsɛeɛ a ɛbaa Ad, Samud ne Noah (s) nkorɔfoɔ so no ayɛ sɛ anansesɛm ne bɔsrɛmuka bi. Nanso Koran no abɛda saa abakɔsɛm yi adi wɔ nimdeɛ ne nyinasoɔ so a, nwomanimfoɔ a, wɔhwehwɛ abakɔsɛm mu agye atom sɛ ampa sɛ saa nsɛm no asi.

Abakɔsɛm a, Koran no ka ho asɛm no mfatoho no bi nie:

Ɔkoo kɛseɛ bi bɛdaa Romafoɔ ne Persia (egyasomfoɔ) ntɛm maa abosomsomfoɔ (Persiafoɔ) no dii Romanfoɔ so nkunim.

Wei maa Makka abosomsomfoɔ a, na wɔrepɛ ɔkwan afaso ako atia Muslimifoɔ no, ka de dii Muslimifoɔ no ho fɛw sɛ:

“Mo dwene sɛ mo nwoma no nti mo bɛdi nkunim. Mo ara monhwɛ sɛnea abosomsomfoɔ no dii (Romaf

Page 89: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

KORAN KRONKRON NO � --------------------------------------------------------------------

�89

oɔ ) no so nkunim. ’’ Wɔnom kaa wei sɛnea wɔde bɛsɛe agyidifoɔ no gyidie. Ɛbaa saa no Onyankopɔn sanee adiyisɛm a, ɔdehyɛɛ agyidifoɔ no nkurane, na ɛyɛɛ akomasɛeɛ nso de maa boniayɛfoɔ no: “A. L. M. Romanfoɔ no adi nkoguo wɔ asaase (ɔman) a ɛbɛn no; na ɛnkyɛ mfie kakraa bi akyi no, wɔnom bɛdi nkunim wɔ nkoguo no akyi. Brɛ a atwam ne daakye nhyehyeɛ ( nyinaa ) wɔ Nyame nsam: saa dano na agyidifoɔ no bɛdi ahurisie wɔ Onyame moa mu. Nea ɔpɛ na ɔboa no, ɔyɛ Otumfoɔ Kok-roko, yɛ Ahummɔbrɔ Wura.” (Ar-Rum30:1-5)

Fir’awna a, Koran aka ne ho asɛm no, ɛnkyɛree biara na wɔhunuu n’amu faa yɛ. Wo hwɛ amu no a, wo hunu sɛ na w’ayɛsɛ obi a, ɔde n’anim abutu fɔm ama Nyame. Afei nso ne tirinwi ne ne honam wedeɛ no nyɛɛ hwee, ɛnsɛe koraa. Saa brɛ yi ɛda so wɔ tete amaneɛfie wɔ Enyiresi Aburokyire ahenkuro Lon-don mu.

Page 90: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

�90

ƆFA A ƐTƆ SO IV

MUSTAFA (s) ƆSOMAFOƆAHUMMƆBORƆNI NO

1. Ne nkwadaa brɛ mu

Wɔ woo saa Ɔsomafoɔ yi a, Onyankopɔn de no hyɛɛ ewiase animuonyam no, mfie 571, wɔ kuro kronkron Makka mu. Ɛda pɔtee a, wɔde woo noɔ no yɛ Ɛdwoada, ɛda a ɛtɔso12 wɔ bosome Rabiu awwal mu. Ɔfiri kureish abusua mu. Na saa abusua korɔ no ara na ɔmaame ne ɔpapa nso firi mu.

Nsɛnkyerɛnee pii na ɛdaa adi wɔ ne nkwadaa brɛ mu ne n’ababunu brɛ mu a, ɛkyerɛɛ gyinabrɛ sononko a ɔwɔ no daakye. Adwuma a ɔdii kan yɔe ne dwanhwɛfo, na akyire no ɔbɛyɛɛ dwadini. Ne nokwaredie wɔ dwadie mu ne subanpa nti no, ɔgyee din yie. N’amanfoɔ mu no, ɔne nipa ten-eneeni. W’antiatia n’afipamfoɔ asɛdeɛ so da, afei ɔyɛ nokwafoɔ a ɔdwoɔ. Nnipa de wɔn werɛ hyɛɛ ne mu kɔpem sɛ na ɔno na wɔnom de wɔn agyapadeɛ kɔgya no ma ɔhwɛ so ma wɔn. Nnipa anhunu da sɛ, ɔne obi anya akasakasa anaa sɛ w’afom obi. Saa subanpa yi a, Onyankopɔn ahyehyɛ wɔ ne mu nti no, ɔnyaa abodin sɛ, Al-Amin, (ɔnokwafoɔ)! Mfie aduonu nnum akyi no na ɔhyɛɛ aseɛ gyee saa abodin

Page 91: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

MUSTAFA (S) � ------------------------------------------------------------------------------------------------------

�91

no. Abosomsomfoɔ de wɔn nneɛma kɔgya no sɛdeɛ ɔbɛhwɛ so ama wɔn. Ɛkɔbaa sɛ Makka mpanimfoɔ resiesie Kaaba no, akyinyegyeɛ baa wɔntɛm a, na ɛde ɔkoo kɛseɛ reba. Saa akasakasa no nyinaa ase ne sɛ, abusuakuo bɛn mu nipa na ɔde ɔbo tuntum no bɛto ne tobrɛ? Ɛfiri sɛ, na ɛyɛ animuonyam kɛse paa de ma abusua ne onipa korɔ a, ɔbɛdi saa dwuma no. Na sɛnea ɛbɛyɛ na wɔnom bɛsi saa ɔkoo no ano no, wɔnom yii Muhammad (s) sɛ ɔno na ɔnsiesie saa asɛm no.

Ɔkwan a, ɔfaasoɔ siesiee saa asɛm no yɛ anika koraa. Deɛ ɔyɛe ne sɛ, ɔde ɔno ankasa n’akatakɔnmu sɛɛ hɔ na ɔde ne nhyira nsa pagyaa ɔbo tuntum no too so. Afei ɔmaa abusua asinamni biara sɔɔ atam no fa maa so kɔɔ ne tobea hɔ. Muhammad (s) ankasa maa ɔboɔ no so de too ne tobea hɔ. Wei de asomdwoeɛ, nteaseɛ ne anigyeɛ kɛse paa na ɛbaa wɔntɛm. (ibn-i

Hisham, 1, 209-214).

Ɛbrɛ a, Muhammad (s) dii mfie aduonu nnum (25) no, ɔbaa nimuonyamfoɔ a, obiara nim no wɔ Makka de awaresɛm nam n’adamfo so too n’anim, ɛfiri sɛ na w’ate ne nokwaredie ho asɛm. Saa brɛ no na ɔbaa kunafoɔ yi adi mfie aduanan nnum (45) a, ɔwɔ nkwadaa. Anabi (s) nso penee so maa wɔn awadeɛ no bɛyɛɛ krabɛhwɛ. Mfie aduonu nnum a, ɛyɛ n’ababunu brɛ no nyinaa no, ɔne saa ɔbaa kunafoɔ yi na ɛtenaa yɛ. Saa awadeɛ yi bɛyɛɛ mfasoɔ

Page 92: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�92

ne nhwɛsoɔ de maa ewiase nyinaa, ne titiriw ne Muslimifoɔ.

2. Nkɔmhyɛ brɛ

Ɛbrɛ a, Onyame Somafoɔ Muhammad (s) nyaa mfie aduanan (40) no, Otumfoɔ Nyankopɔn yɛɛ no ɔsomafoɔ. Nsɛmpɔ a, ɔde hyɛɛ noɔ nie: “Kenkan! wɔ wo wura no din mu.” (al-Alaq, 96:1-2).

Anabi (s) daa ne nkɔmhyɛ adwuma no adi, ɛbrɛ a, ɔtoo ne nsa frɛɛ kureish abusuakuo ɛwɔ Safa bepɔ no so. Asɛm a, ɔkaeɛ nie: “O kureish abusuakuo! enti sɛ me kakyerɛ mo sɛ atamfo abɔ kyenku wɔ bepɔ yi akyi a, wɔrebɛto ahyɛ mo so a, mobɛgye me adi anaa?”

N’ano ansi koraa na wɔnom nyinaa de ɛnee koro gyee so sɛ, “Aane, yɛ gye wo di, ɛfiri sɛ wontwaa yɛn ntorɔ da. Yɛnim pefee sɛ wo ka nokware!” Ɛhɔ na Muhammed (s) de reto wɔn anim sɛ, Onyankopɔn asoma no sɛ ɔsomafoɔ kɔkɔbɔni ama wɔn, na obi a ɔbɛgye no adi, na ɔbɛdi Nyankopɔn mmra so no, Onyankopɔn de akatua pa ne asetena papa hyɛ ne bɔ daankwama atemuda. Na mmom wɔnom a, w’anye no annie no bɛnya asotwee a, ano yɛ den pa ara. Ɔkyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn sɛ, ewiase yɛ bea a, yɛde yɛ ahoboa twɛn daakye asetena. Na ɛhɔ ne asetena a, ɛnni awieɛ.

Page 93: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

MUSTAFA (S) � ------------------------------------------------------------------------------------------------------

�93

Saa amanebɔ yi akyi no, Ɔsomafoɔ (s) hunuu sɛ nokware nie ɛyɛ den paa ara ma n’amanfoɔ no sɛ wɔnom bɛtwe wɔn ho afiri abosomsom ho. (Bukhari, tafsir, 26/2, Ahmad bin Hanbal 1, 159, 111)

Ɔkwan bɔne ne aniɛyaa deɛ a, n’amanfoɔ de yɛɛ no nyinaa akyi no, Onyankopɔn Somafoɔ, Muham-mad (s) ampaba dabiara da. Ɔfaa kwan biara so tuu n’amanfoɔ fo, ɔtoaa wɔn wɔ afie mu ne bea biara nni-pa wɔ. Edwam ne wɔnom a, w’aba amantuo nyinaa no, ɔkasa kyerɛɛ wɔn. Ɔkaa saa sɛmɔdɛ ne kɔkɔbɔ nsɛm yi kyerɛɛ wɔnom a, wɔtane no mpo a, w’ammrɛ ho da. Deɛ na ɔka de sɔ n’amanebɔ no so ne sɛ:

“Me nhwehwɛ akatua biara mfiri mo nkyɛn wɔ saa amanebɔ (Kuran) yi ho nti, ɛna mennyɛ ɔdaadaafoɔ nso.” (Sad, 38:86)

Ɔsee wɔn sɛ, n’adwuma nyinaa ne sɛ ɔbɔ nyamesɛm no ho dawuro, na ɛnyɛ hwee sɛ Nyame nti.

Na Onyame Somafoɔ (s) yɛ obia a ɔyɛ fratamni a, ɔnnim atwerɛ ne akenkan, ɛno nti na ɛbɛyɛ den paa ara sɛ, obia ɔnkɔɔ sukuu da bɛtumi abɔ ne tirim prɛko pɛ adi saa dwuma yi. Ne nsɛm no yɛ nsɛm bi a, ano yɛ den na aba wɔ mu. Afei, na arabfoɔ a, wɔn ano ate yie wɔ kasa ne anwensɛm ho mpo hunu sɛ Anabi (s) nsɛm no boro nipa adwene so. N’atamfo mpo gye too mu sɛ nipa dasani adwene ntumi nhyehyɛ nsɛm a ɛte saa. Nea ɛkɔ wiee ara ne sɛ, ɛyɛ adiyisɛm nkutoo na ɛbɛ tumi aduru saa gyinabrɛ no.

Page 94: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�94

Ɛwɔ mu sɛ, na Makkafoɔ no gye di yie sɛ Anabi Muhammad (s) nyɛ obi a, ɔdi torɔ na ne suban nso yɛ sononko koraa. Wei nyinaa akyi no, na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛ gyae abosomsom. Ɛfiri sɛ, na wɔnya mfasoɔ pii wɔ so, na ɛno nso ne wɔn animuonyam.

Dakoro bi, Abu Jahl ne n’afɛfoɔ a, na wɔnom yɛ Anabi (s) atamfo paa no, hyiaa no, na deɛ wɔnom kaeɛ ne sɛ:

“O Muhammad! Yɛdɔ Nyame sɛ ɛnyɛ wo na yɛre po woɔ, ɛfiri sɛ wo yɛ nokwafoɔ mapa de ma yɛn. Nea yɛrepoɔ na yɛmpɛ atie ne adiyie nsɛm a, wɔde aba no.” (Vahidi, Esbabü Nüzul, p. 219; Tirmizi, Tefsir, 6/3064)

Abosomsomfoɔ yi faa ɔkwan biara so sɛ wɔbɛbra Ɔsomafoɔ Muhammad (s) wɔ Onyame asɛm a, ɔrebɔ no dawuro no ho. Wɔnom ka kyerɛɛ ne wɔfa nimpɔn a, ɔdɔ no yie no sɛ, ɔnkasa nkyerɛɛ ne ba no na ɔnyae ne dawubɔ no. Wɔnom de toaa so sɛ, adeɛ biara a, Muhammad (s) pɛ no wɔnom bɛyɛ ama no. Sɛ sika, ahenie anaa mmaa ahoɔfɛfoɔ a, wɔnom de bɛma no. Muaeɛ a, yɛ Nkɔmhyɛni Kronkron Muhammad (s) de maa wɔnom nie:

“Me nhia hwee afiri mo nkyɛn. Ɛnyɛ ahodeɛ, ahenie anaa mmaa ahoɔfɛfoɔ na ɛhia me. Nea me hia ara ne sɛ: monyae abosomsom na monsom Onyankopɔn koro no!” (Ibn-i Kathir, Al Bidaya, III, 99-

100)

Page 95: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

MUSTAFA (S) � ------------------------------------------------------------------------------------------------------

�95

Ɛbrɛ a, abosomsomfoɔ no hunuu sɛ wɔnom ntu-mi nsesa Anabi Muhammad (s) adwene no, wɔnom hyɛɛ aseɛ de ɔtan, nhyɛsoɔ ne aniɛyaa kɔɔ ne so.

Adeɛ rekye a, adeɛ resa nyinaa no, sɛ wɔrehyɛ muslimifoɔ no aniɛyaa ara nie. Ɛbaa saa no, Muslimifoɔ no bi tuu amantuo kɔɔ Ethiopia a, saa brɛ no na ɔhene papa na ɔrebu saa ɔman no.

Ɔkwan bɔne a, abosomsomfoɔ yi sane faa soɔ bio ne sɛ, wɔne Muslimifoɔ ne wɔn ahobanbɔfoɔ nyinaa twaa nkutahodie mu wɔ dwadie, awareɛ ne nea ɛkekaho nyinaa. Wɔnom twerɛɛ krataa too asɛm yi so hyɛɛ mu kena, ɛna wɔde kɔtaree Kaaba ho. Ɛbaa saa no, muslimifoɔ yi kɔɔ ahohiahia kɛse mu mfie mmiɛnsa. Ɔkɔm ne ahokyerɛ kɛse paa na Muslimifoɔ yi kɔɔ mu.

Ɔkɔmhyɛni Muhammad (s) faa Zaid bin Haris, kaa ne ho kɔɔ Taif kuro mu nsɛmpaka. Ɛfiri Makka rekɔ Taif yɛ borɔfo kwansin 160. Anabi (s) dii nna du a, na ɔrekasa kyerɛ nhenfo a, wɔnom firi Thaq-if abusua mu. Na ɔmaame abusua trɛ kɔwura saa abusua no mu. Taifoɔ ne wɔn ahenfo nyinaa antie Anabi (s) nsɛm a, ɔde nam no. Wɔnom amfa ansi hɔ ara, wɔnom sane paa no aboɔ. Wɔre pa no aboɔ no nyinaa no, na wɔre bɔ no tutuo. Saa bɔnefosɛm yi nyinaa akyiri no, Onyame Somafoɔ (s) annome wɔnom.

Page 96: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�96

Ɛwɔ mu sɛ, na wɔnom apa no aboɔ ama mo-gya atu no mmorosoɔ deɛ, nanso ɔbɔɔ mpaeɛ srɛɛ Nyankopɔn sɛ:

“O mewura Nyame! M’ahoɔden asa na me nni boafoɔ biara ka Wo ho. Amanfoɔ no abu m’animtia na w’apa me. Nea ato me yi nyinaa no, sɛ wo bo mfuu me a, ɛneɛ memfa ho ne nea nkorɔfoɔ yi de ayɛ me nyinaa. O Allah! Me srɛ wo sɛ bue wɔn ani ma wɔnom nhu nokware a, wɔnom nnim no. O mewura! Me srɛ wo bɔnefakyɛ kɔpem sɛ wobo bɛtɔ.” (Ibn-i

Hisham, II, 29-30, Haythami, V, 35)

Anabi Muhammad (s) bɔɔ n’amaneɛ ɛbrɛ a, ɔrefiri Taif aba n’akyi no, sɛ:

“Me de awerɛhoɔ ne akomasɛeɛ na ɛfirii Taif reba. Me bɛ duruu bea bi a, yɛfrɛ hɔ Karnul Sealib no, na nnateɛ ayɛ den ama me sɛ mɛtoa akwantuo no so. Metee m’ani no, me hunuu sɛ mununkum kata me so. Me sane hwɛɛ mununkum no dinn no, me hunuu ɔsoroabɔfo Gabriel (s). Ɔka kyerɛɛ me sɛ:

“Wo wura Nyame ate nea wo nkorɔfoɔ no de ayɛ wo, sɛ w’anye wo anni na obiara nso ammɔ wo ho ban. Ɛno nti w’asoma ɔbɔfo a, ɔhwɛ mmepo soɔ aka me ho. Nea wo pɛ sɛ ɔde yɛ Taifoɔ biara no ɔbɛyɛ ama wo. Ɛhɔ na saa ɔbɔfo no too me nkyea sɛ:

“O Muhammad (s)! . . . Otumfoɔ Nyankopɔn asoma me sɛ, nea wo pɛ biara no menyɛ. Sɛ wo ma

Page 97: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

MUSTAFA (S) � ------------------------------------------------------------------------------------------------------

�97

ho kwan a, saa mmepɔ mmienu yi, mɛdwiri agu wɔnso.”

Ɛna me kakyerɛɛ no sɛ:

“Dabi, mesrɛ otumfoɔ Nyankopɔn sɛ ɔma saa nkorɔfoɔ yi asefoɔ mɛsom ɔno Nyankopɔn nkutoo a, wɔnom nnyɛ mmataho biara.” (Bukhari, Bed-ul Halk, 7; Muslim, Jehad, 111)

Saa brɛ no mu no, amanfoɔ bi firii Madina bɛgyee asɛm no diiɛ. Wɔnom de asɛm no kɔ Madina. Brɛ tiawa bi mu no ɛbaa sɛ efie biara nni Madina a, Muslimini bi nni mu. Afei, wɔnom srɛɛ Anabi Mu-hammad (s) sɛ ɔma nwomanimni bi mɛkyerɛkyerɛ wɔn Islam. Awieɛ no, wɔnom too wɔnsa frɛɛ Anabi Muhammad (s) ankasa sɛ ɔmra wɔnkyɛn na wɔbɛbɔ ne ho ban.

3. Madina Asetena

Ɛbrɛ a, abosomsomfoɔ maa wɔn asotweɛ ne aniɛyaa no mu yɛɛ dene wɔ muslimifoɔ no so no, Yɛnkɔmhyɛni Muhammad (s) hyɛɛ n’asuafoɔ no sɛ wɔnom ntu amantuo nsumaeɛ mu. Abosomsomfoɔ a, wɔhunuu Muslimifoɔ adwene a, wɔnom afa no, bɔɔ ɛpɔ wɔ sum ase. Ɛfiri sɛ na ɛkame ayɛsɛ aka ɔno nko ara ne dɔm kumaa bi. Wɔnom yii ababunu baa-ko firi abusua biara mu esan saa pɔbɔne no nti. Saa mmranteɛ yi nyinaa bɛbom de pea awɔ Yɛnkɔmhyɛni

Page 98: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�98

(s) prɛko pɛ! Wei bɛma Anabi (s) abusua no ntumi ntɔ abusua biara so werɛ. Afei wɔnom ntumi nye mpatasika biara mfiri abusua koropɛ hɔ.

Ɛbaa saa no, Onyankopɔn maa Yɛnkɔmhyɛni (s) ho kwan sɛ ɔntu amantuo nkɔ Madina. Anabi (s) frɛɛ Imam Ali (r) hyɛɛ no sɛ, ɔnka, na amanfoɔ agyapadeɛ a, wɔnom de ahyɛ ne nsa no, wɔde obi-ara deɛ ama no. Sɛnea y’akano dada no, gye a, na wɔnom gye Anabi (s) edi nti no, wɔde wɔn agypadeɛ gyegyaa no. (Ibn-i Hisham, II, 95-98)

Anadwo brɛ a, atamfo yi kɔtwa hyiaa Anabi (s) dan ho no, wɔnom nyinaa dedaa hatee. Anabi (s) piee na ɔsaa anwea to petee wɔn so. Saa brɛ no nyinaa no, na ɔre kenkan Kuran kyɛfa a, yɛfrɛ no Yasin no, ɔkɔe a, wɔnom mu biara ante ne nka.

Mfie dumiɛnsa na Anabi (s) faa ɔkwan biara so sɛ ɔbɛtene Makkafoɔ yi wɔ kwanteneene so. Ɔkɔ du-ruu Madina no, ɔhyehyɛɛ ɔnuayɔ too Madinafoɔ ne Makka atukɔfoɔ ntɛm. Edin a, na wɔde frɛ Madinafoɔ yi ne ‘Ansaar’, ɛna Makka atukɔfoɔ no nso de ‘Mu-haajiriin. ’

Ansaarfoɔ yi kyerɛɛ ɔnuadɔ sononko a, ɛso bi nni wiase. Wɔnom buebuee wɔn apono de maa atukɔfoɔ yi. Deɛ wɔnom kaeɛ ne sɛ: “M’agyapadeɛ ni, ɛmu nkyemu fa yɛ wo dea!”

Nea atukɔfoɔ yi a, Anabi (s) atete wɔn ama wɔn anisɔ nea wɔwɔ no, nso buaa sɛ, “Menua, Onyame

Page 99: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

MUSTAFA (S) � ------------------------------------------------------------------------------------------------------

�99

nhyira w’agyapadeɛ so ma wo, nea me hia ne sɛ kyerɛ me bea a, mo di dwa.” (Bukhari, Büyü, 1)

Madina kuro mu hɔ saa brɛ no, na ekuo mmiɛnsa na ɛwɔ hɔ: Ansaarfoɔ, Muhaajiriinfoɔ ne Yahudiafoɔ (jews). Anabi (s) hyehyɛɛ mmra a, ɛkyerɛ obiara asɛdeɛ ne n’asodie.

Abakɔsɛm mu no, wei ne amanyɔ mmra edikan a, y’akrukyire agu nwomaso wɔ ewiase. (M. Hamidul-lah, the first written constitution in the world, Lahore 1975)

Islam abakɔsɛm mu no, ɔkoo ahoroɔ a, edii kan no nyinaa kɔfabae ne sɛ, abosomsomfoɔ no ansuma ɔtan a, wɔde tanee Muslimifoɔ no. Mprɛ pii na wɔnom buu bɔhyɛ ne nhyehyeɛ a, ɛda wɔne Muslimifoɔ ntɛm no so. Nkɔmhyɛni (s) a, Onyame asoma no sɛ ewiase ahummɔbrɔ dii nkunim wɔ atamfo yi so. Arabia nyi-naa bɛhyɛɛ ne nsa, nanso w’amma mogya hwieguo ho kwan sɛnea ɛkoo biara teɛ no. Abrɛ biara deɛ na ɔdika yɛ ne nhyehyeɛ.

Islamsom mu no, ɔkoo botaeɛ nyinaa ne sɛ ɔbɛyi nhyɛsoɔ afiri hɔ ama gyidie mu fawohodie aba, amanfoɔ bɛhunu ɔkwan tenenee no na afei asisie ne ntɛnkyea nso bɛfiri hɔ. Ankɔ yɛ sɛ ewiase koo a, wɔ de pɛ ahonya, mogya hwieguo ne agyapadeɛ no.

4. Ne Suban Pa Nhwɛsoɔ No Bi

Anabi Muhammad (s) yɛ onipa bi a, na ɛnyɛ nipa nko na ɔwɔ ahummɔbrɔ de ma wɔn, na ɛmom

Page 100: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�100

mmoa ne mfudeɛ nyinaa. Ɛbrɛ bi a, Anabi (s) ne ne dɔm nam no, ɔhunuu sɛ ɔkraman bi da ne mma ho rema wɔn nufusuo. Ntɛm ara na ɔfrɛɛ ɔsuani a, ɔde Juayl bin Suraka sɛ ɔnyina aboa no ho na ɔmɔ ne ho ban kɔpem sɛ akofoɔ no nyinaa bɛtwam. (Vakıdı, II, 804)

Dakoro bi a, Anabi (s) retwam wɔ Ansaar nii bi afuom no, ɔkɔgyinaa afurumu bi a, na ɔresu ho. Ɔde ne nsa faa aboa no akyi ma ɔgyaee su. Anabi (s) bisaa aboa no wura. Abranteɛ baako kaa sɛ: “On-yame Somafoɔ! Aboa no yɛ me dea.”

Ɔno nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnti wo nsuro Nyame wɔ aboa yi ho? Aboa no rebɔ wo kwaadu sɛ wo mma no aduane, afei wo de no bɔ ahoma mu abrɛ biara.” (Abu Dawud Jehad, 44/2549)

Saa ara na dakoro bi a, ɔhunuu obi a, w’akyekyere n’aboa ato hɔ na ɔrese ne sekan a, ɔde rebɛku aboa no, ɔbisaa no sɛ:

“Ɛnti wo pɛ sɛ wo kum aboa no mprɛ dodoɔ sɛn? Adɛn nti na w’annikan anse wo sekan ansa na wokyekyeree aboa no.” (Hakim, IV, 257, 260/7570)

Wɔnom a, wɔdii nsɛmɔne kɛse paa tiaa Anabi (s) no, ɔde wɔn nyinaa bɔne kyɛɛ wɔn. Na ɔwɔ tumi a, anka ɔbɛtumi de wɔn afa ɔkwan biara a, ɔpɛ so. W’anka asɛm bi a, ɛbɛma wɔn anim aguase. W’ampɛ da sɛ obi ho bɛkyere no anaa obi bɛkɔ amaneɛ mu, sɛ onipa korɔ yɛ muslimini anaa boniayɛni.

Page 101: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

MUSTAFA (S) � ------------------------------------------------------------------------------------------------------

�101

Ɛbrɛ a, ɔdii Makkafoɔ so nkunim a, mogya hwieguo biara ansi no, wɔnom a, na w’ayɛ Anabi (s) bɔne mfie 21 mu no, boaa wɔn ano twɛnn nea ɔde bɛyɛ wɔn. Ɔbisaa wɔn sɛ: “Kureish abusua! Mo susu sɛ, ɛdeɛn na me de bɛyɛ mo?” Wɔnom yii n’ano sɛ:

“Yɛ wɔ awerɛhyɛmu sɛ, wo bɛ yɛ yɛn papa, na wo bɛhunu yɛn mmɔbɔ. Ɛfiri sɛ wo yɛ yɛnua ne yɛ wɔfaase a, wo yɛ, na wo wɔ ahummɔbrɔ!”

Anabi (s) nso yii wɔn ano sɛ:

“Me nua Yusif (s) asɛm a, ɔka kyerɛɛ ɔnuanom no bi ara na mɛka akyerɛ mo: “Ɛnnɛ da yi, monni fɔdie biara: Onyankopɔn de mo bɔne bɛkyɛ mo, ɛfiri sɛ ɔyɛ Ahummɔbrɔ mu mmɔbrɔhunufoɔ.” (Yusif, 12:929)

“Mo nkɔ wɔ faahodie mu!” (Ibn-i Hisham, IV, 32)

Saa dakorɔ no ara na ɔde ɔbaa Hind bɔne kyɛɛ noɔ. Saa ɔbaa yi na ɔde abufuo wee Anabi (s) wɔfa, Hamza mmrɛboɔ no. Saa ara nso na Hebbar bin As-wad a, ɛnam ne so maa Anabi (s) ba abaayaa Zeinab, hweree ne nkwa no, bɔne kyɛɛ noɔ. Nnipa pii na wɔnom nsa kaa saa ahofadie kɛseɛ yi. (Muslim, Akdıye, 9; Vakıdı, II, 857)

Yɛnkɔmhyɛni Muhammad (s) yɛ obi a, na ɔbrɛ ne ho ase yie. N’ahobraseɛ no boroso ma no yɛ nwanwa. Ɛyɛ da a, ɔdii Makkafoɔ so nkunim no a, obiara hunu no sɛ otumfoɔ kɛseɛ pa ara no, ɔno deɛ w’anhunu no saa. Saa brɛ no obi baa ne nkyɛn. Na

Page 102: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�102

ɛbrɛ a, onipa no ho repopoɔ wɔ suro ne ehu mu no, Anabi (s) kakyerɛɛ no sɛ:

“Ɛnsuro, ma wo bo ntɔ wo yam! Me nyɛ ɔhene anaa amrado. Me ne kureishni baa ba abarimaa a, me di nam a, awoɔ.” (Ibn-i Majjah, Etime, 30; Hakim, III, 50/4366)

Asɛm a, na ɔka kyerɛ n’asuafoɔ no ne sɛ:

“Mesrɛ mo sɛ, mo mfrɛ me Onyame akoa ne Ne somafoɔ.” (Bukhari, Anbiya, 48)

Ɔpɛsɛ ɔbɔ ne dɔm ho ban firi amaneɛ kɛseɛ mu, na wɔnom amfa onipa ankɔgyina Nyame gyinabrɛ nti no, deɛ na ɔtaa ka nie: “Mo mmfa me nyina gyinabrɛ a, ɛboro me gyinabrɛ so! Ansa na Onyame reyi me sɛ Ne somafoɔ no, ɔdii kan faa me sɛ n’akoa.” (Hay-tham, ıx, 21)

Abu Umama (r) kyerɛɛ Ɔkɔmhyɛni (s) suban sɛ: “Onyame Somafoɔ (s) kasa nyinaa kɔ yɛɛ Kuran nkasano. Na ɔbɔ Nyame din morosoɔ. W’anka kasa hunu da. N’afotuo yɛ tia na n’asɔreyɛ kyɛ. Mprɛ dodoɔ no ara na ɔne akunafoɔ ne mmɔbrɔwafoɔ kasa di nkɔmɔ na ɔtu wɔn foɔ. Na ɔnyɛ ahantan.” (Hay-thami, IX, 20; N’esai, Jummuah, 31)

Anabi Muhammad (s) yɛ nhwɛsoɔ ne fasusuo wɔ ahummɔbrɔ, tema, ɔbuo ne ɔdɔ mu. Na n’ani gye ahosiesie ho, na deɛ na ɔmpɛ ahunu koraa ne ntade fii anaa ahofadeɛ a, ɛnyɛ anika. Afei na ɔmpene so koraa sɛ obi bɛgya ne tirinwi ne n’abɔgyesɛ a, ɔnni

Page 103: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

MUSTAFA (S) � ------------------------------------------------------------------------------------------------------

�103

no ni. Nsɛmbɔne a, na amanfoɔ ka na wɔde yɛ ɛfene no, w’anka bi da. Deɛ ɔkaeɛ ne sɛ:

“Daankwaama atemuda, dwumadie a, ɛbɛ ma nsɛnia mu ayɛ duro ama ɔgyidini no, ne suban pa. Na Onyankopɔn kyiri sɛ obi bɛyɛ nneɛ bɔne ne kasa bɔne.” (Tirmizi, Birr, 62/2002)

Sɛ yɛbɔ no amaneɛ sɛ, obi anaa asimasi aka asɛmbɔne a, ɔnka sɛ adɛn nti na asimasi aka saa nsɛmbɔne sei. Na ɛmom, deɛ ɔka ne sɛ. “adɛn nti na amanfoɔ no bi reka saa nsɛm a, ɛtete saa yi?” (Abu Dawud, Adab, 5/4788)

Onyankopɔn ne Ne somafoɔ ahyɛdeɛ ne mmra nti no, mmaa gyinabrɛ akorɔn kɛse yie. Mmaa abɛyɛ fasusuo ne nhwɛsoɔ wɔ fɛreɛ ne nneɛpa mu. Maame gyinabrɛ ayɛ animuonyam kɛse ɛfiri brɛ a, Ɔsomafoɔ (s) kaa sɛ. “Mo ni mo nanom ni ɛfiri sɛ wɔnom nan ase na ɔsoroaheman wɔ!” Maamefoɔ abɛyɛ fapem a, adasama nyinaa gyina wɔnso. Agyidifoɔ maame, Nana Aisha (r) se: “Anabi (s) antiatia ne yerenom da, na w’amma ne nsa so wɔ ne yerenom so da na ɔde firii wiase! (Ibn-i Majah, Nikah, 51)

Nokware, Onyankopɔn se: “Mo ne mmaa no ntena wɔ ɔdɔ, tema, ahummɔbrɔ ne pɛrepɛreyɔ mu.” (An-Nisa 4:19)

Sɛ yɛka adɔeɛ ho asɛm a, ɛneɛ na Onyame Somafoɔ (s) da mu fua. Na ɔnni nsɛsoɔ wɔ abɔdeɛ mu. Makka abosomsomfoɔ no mu baako a, na obi-

Page 104: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�104

ara nim noɔ ne, Safwan bin Umayya. Ɛwɔ mu sɛ na ɔnyɛ muslimini deɛ, nanso Huneyn ne Taif ɔkoo mu no, na ɔwɔ Anabi (s) afa. Ɔkoo no wieɛ no a, ɔrekyɛ ɔkoo mu anyadeɛ (spoils of war) wɔ bea a, wɔfrɛ hɔ sɛ Jiranah no, Anabi (s) hunuu sɛ Safwan de n’ani ato ayoma no so. Ɛhɔ na ɔbisaa Safwan sɛ, “W’ani gye nea wo hunu no ho?” Ɛbrɛ a, Safwan yii ano sɛ aane no, Anabi (s) kaa sɛ: Fa wɔnom nyinaa, ɛyɛ wo dea!”

Safwan tee asɛm yi no, ne ho dwirii no ara a, na ɔnhunu nea ɔnyɛ. Ɔkaa no prɛko pɛ sɛ, “Atirimoɔmrɛ ne adɔeɛ akoma biara nni hɔ a, ɛtesɛ Anabi (s) deɛ yi!” Ɛhɔ ara na ɔnyaa gyidie bɛyɛɛ muslimini. Ɔsan baa ne kurom no, deɛ ɔka kyerɛɛ n’abusua nyinaa nie:

“O m’abusuafoɔ! Montutu mmirika nkɔdɔm Islamsom. Ɛfiri sɛ Muhammad (s) reda adɔeɛ ne ayamyɛ suban adi a, menhunuu so bi da!” (Ibn-i Han-bal, III, 107-108)

Yɛnkɔmhyɛni kronkron Muhammad (s) firii ewiase wɔ June 8th, 623 CE, ɛwɔ Islam bosome a, ɛtɔso dubaako, ne da a, ɛtɔso dummienu Rabiul aw-wal, ɛda dwoada.

Ɔkɔmhyɛni Muhammad (s) de mfie du pɛ aka arabiafoɔ nyinaa abom ayɛ no ɔman ne nipa baako! Ɛde firi Oman kɔ ɔpo-kɔkɔɔ ho de bɛsi Syria ne Ye-men. Wei ne nea ɛdikan wɔ arabiafoɔ abakɔsɛm mu a, arabiafoɔ nyinaa abom ayɛ koro. Saa nkunimdie

Page 105: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

MUSTAFA (S) � ------------------------------------------------------------------------------------------------------

�105

kɛse yi maa French nwomanimnii bi kaa sɛ: “Sɛ botaeɛ kɛseɛ a, ahoboa ne moa sua koraa tumi di nkunim kɛseɛ yi a, ɛnneɛ wo ne hwan sɛ wo de obi toto Ɔkɔmhyɛni Muhammad (s) ho?”

5. Anabi Muhammad (s) Ho Dɔ A, Ɛnni Awieɛ

Yɛn Muslimifoɔ wɔ ɔdɔ sononko de ma yɛnkɔmhyɛni a, ɛsene nea yɛ wɔ de ma yɛnkwa mpo. Sɛ asuafoɔ no ne nyamesomafoɔ rekasa a, deɛ wɔka ne sɛ, “Mena ne m’agya nyɛ ayɛyɛdeɛ ma wo”! (me de me maame ne me papa bɔ afɔreɛ ma wo). Sɛ kasɛɛ ketewa bi mpo bɛwɔ Anabi (s) no deɛ, ɛneɛ anka asuafoɔ no de wɔnom nkwa bɛto hɔ abɔ ne ho ban.

Ɛbrɛ a, abosomsomfoɔ no kyeree Zayd bin Dathina ne Hubayb (r) na wɔre yɛ wɔn ayaka ayakadeɛ no, wɔ bisaa wɔn sɛ: “Mobɛpɛsɛ yɛde Mu-hammad bɛsesa mogyinabrɛ yi na moanya mo tiri adidimu?” Muaeɛ a, wɔnom nso de maa wɔn ne sɛ:

“Ɛnyɛ me yere ne me mma nko na me de bɛbɔ afɔreɛ de agye Anabi (s) afiri saa gyinabrɛ yi, na ɛmom, ɛbɛ ha m’akoma sɛ kasɛɛ bi mpo bɛwɔ no wɔ baabi a, ɔwɔ biara.”

Asɛm yi yɛ a, ɛyɛɛ abu sufian ahodwiri nti ɔkaa sɛ:

Page 106: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�106

“Ewiase yi mu, menhunuu sɛ nipa bi wɔ ɔdɔ ma wɔn nnamfonom te sɛ ɔdɔ a, Muhammad (s) asuafoɔ wɔ de ma no!” (Vakıdı, I, 360-362; Ibn-i Said, II, 56)

Adansedie a, ɛtɔ so bio na ɛkyerɛ ɔdɔ ne obuo sononko a, asuafoɔ wɔ de ma Anabi (s) nie. Abrɛ bi-ara a, ɔsuani bi bɛka asɛm bi afa deɛ Anabi (s) kaeɛ ho no, ɛhu ne ahopopoɔ ma wɔn nkotodwe kekabom. Aseɛ ne sɛ, wosusu sɛ anhwɛ a, na w’akɔka asɛm bi a, Anabi (s) nkaeɛ. Mfomsoɔ a, ebia wɔnom bɛyɛ nti no, ɛma wɔn anim dua sesa koraa.

Amr bin Meymoon bɔɔ amaneɛ sɛ:

“M’amma Ibn Masud Yawoada anadwo nkyerɛkyerɛ no ampa me ho da. Na m’ante da sɛ, ne kasa mu no ɔbɛka sɛ, ‘Anabi (s) se’. Nanso dakoro anadwo bi deɛ, ɔhyɛɛ aseɛ kaa sɛ, Yɛ nkɔmhyɛni (s) kaa sɛ, ɛhɔ ara ɔyɛɛ dinn, na ɔsii ne tiri ase. Ɛyɛ kakra no, me hwɛe no,

deɛ me hunuuiɛ ne sɛ, w’abiebie ne ntadeɛ a, ɔrete nisuo. Afei ɔtoaa so sɛ: “Onyame Somafoɔ (s) no kaa asɛm a, ɛte saa anaa nea ɛne asɛm no rekɔsɛ.” (Ibn Majah, Muqaddime, 3)

Obi a, ɔpɛsɛ ɔkenkan saa nsɛm a, ɛfa asuafoɔ no dɔ a, na wɔnom wɔ de ma Ɔkɔmhyɛni (s) no, ɔnkɔ kenkan nwoma a, Osman Nuri Topbaş atwerɛ, “Fazi-letler Medeniyeti” (Civilization of Virtues).

Page 107: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

MUSTAFA (S) � ------------------------------------------------------------------------------------------------------

�107

6. Ne Nsɛnkyerɛnee

Nsɛnkyerɛnee a, ɛnni anoo na Yɛnkɔmhyɛni Muhammad (s) yɔeɛ ɛmu kakraa bi na ɛdisoɔ yi:

Ɔsuani Jabir (r) bɔɔ amaneɛ sɛ:

“Hudaybiya da no, sukɔm dee amanfoɔ yie maa wɔ baa Anabi (s) nkyɛn. Wɔnom hunuu sɛ nwoma bɔtɔ a, nsuo gu mu si Anabi (s) anim a, ɔrekuta nyamesuo. Ɔbisaa wɔn sɛ: “amaneɛ?” Wɔnom yii n’ano sɛ: “ nsuo a, yɛde kuta nyamesuo anaa deɛ yɛnom biara nnihɔ ka deɛ ɛda w’anim yi ho nko. Ɛhɔ na Onyame Somafoɔ de ne nsa guu bɔtɔ a, nsuo wɔ mu no so. Mpofire mu, na nsuo pue fifirii ne nsa ntɛm a, ɛretene waa. Yɛ nyinaa nomm nsuo no de bi kutaa nyamesuo.”

Wɔbisaa (Jabir) sɛ nipa dodoɔ a, na wɔnom wɔhɔ saa brɛ no. Ɔyii ano sɛ: “sɛ mpo na anka yɛdodoɔ si mpemha koraa a, anka nsuo no bɛso yɛn aboroso. Nanso na yɛn dodoɔ yɛ apem ahanum.” (Bukhari, Me-

nakib, 25)

Ɛbrɛ a, abosomsomfoɔ no bisaa Anabi (s) hɔ nsɛnkyerɛnee no, ɔbɔɔ mpaeɛ srɛɛ ne Nyankopɔn. Onyankopɔn maa ɔsrane mu pae mmienu maa wɔhunuu ɛfa baako wɔ bepɔ a, wɔfrɛ no Kubais atifi. Ɛna ɔfa koro nso wɔhunuu no wɔ bepɔ Kuaykian so. Makka mpanimfoɔ bisaa adwadifoɔ a, wɔnom firii aman a, ɛwɔ akyiri no sɛ, wɔnom nso hunuu

Page 108: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�108

nsɛnkyerɛnee no anaa. Wɔnom nso gye too mu sɛ ampa wɔhunuu nsɛnkyerɛnee no. (Al-Qamar, 54:1-3)

Bea a, na Onyame Somafoɔ (s) gyina yɛ nkyerɛkyerɛ no, na duasini bi wɔ hɔ a, ɔtaa de ne ho twene. Ɛbaa sɛ wɔyɛɛ mimbar (sumpie) maa noɔ no, amanfoɔ nyinaa tee sɛ duasini no resi apiniɛ ɛfiri sɛ Anabi (s) regya no hɔ nti. (Bukhari, Menakib 25, Tirmizi, Jum’a 10)

Abu Huraira (r) nso bɔɔ amaneɛ sɛ:

“Ɔsa mu no, ɛkɔm dee asraafoɔ, maa ɛkɔbaa sɛ ebinom pɛɛ sɛ wɔkunkum wɔn mmoa a, wɔtete wɔnso tu kwan no yɛ aduane. Umar (r) kɔɔ Anabi (s) nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ no sɛ:

“O Onyame Somafoɔ (s)! Anka ɛbɛ yɛ a, ma me mmoaboa nnuane kakraa bi a, aka wɔ amanfoɔ nkyɛn no na bɔ mpaeɛ hyira so. Na me wɔ awerɛhyɛmu sɛ, Onyame bɛtie wo ama adɔɔso. Anabi (s) nso penee so. Wɔnom a, wɔwɔ ɛsam kakra de bae, ɛna ebinom nso de akyerensua mma bae. Wɔnom a, wɔretie abu Huraira no de ahodwiri bisaa no nea saa amanfoɔ no de akyerensuo mma no reyɛ. Ɔyii ano sɛ, “Ɛbrɛ a, amanfoɔ nnya aduane biara nnie no, wɔnom tafreta-fre akyerensuo mma no ho a, na w’anom nsuo.”

Ɔtoa n’asɛm no so sɛ. “Onyame somafoɔ (s) bɔɔ mpaeɛ maa nnuane buu so ara maa obiara didi mee. Nea ɛkaeɛ no wɔnom sesa hyehyɛɛ wɔn kotokuo mu. Nsɛnkyerɛnee yi akyi no, Onyame somafoɔ kaa sɛ:

Page 109: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

MUSTAFA (S) � ------------------------------------------------------------------------------------------------------

�109

“Me di adanseɛ sɛ Onyame biara nni hɔ gye Onyankopɔn nkutoo. Na me yɛ ne somafoɔ. Obiara a, ɔbɛgye nsɛm mmienu yi adi na w’ampopo ne ti no, bɛkɔ ɔsoroaheman mu.” (Muslim, Iman, 44)

Page 110: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�110

Page 111: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

MUSTAFA (S) � ------------------------------------------------------------------------------------------------------

�111

Page 112: ISTANBUL - 2011kuranvesunnetyolunda.com/wp-content/uploads/2014/05/The... · 2016-01-17 · ISLAMNyamesom a, ɛtwatoɔ Dr. Murat KAYA TWI KASA:Jafar ABDUL MUMIN

Nyamesom a, ɛtwatoɔ ISLAM�

�112